21 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɛ wonya kɔduru Egypt a, hwɛ sɛ wobɛyɛ anwanwadeɛ a mede ahyɛ wo nsa no nyinaa wɔ Farao anim.+ Na mɛma no apirim n’akoma;+ na ɔremma ɔman no kwan nkɔ.+
4 Na mɛma Farao akoma apirim+ na ɔbɛtĩ wɔn, na mede Farao ne n’asraafoɔdɔm bɛhyɛ me ho animuonyam+ na Egyptfoɔ ahunu sɛ mene Yehowa.”+ Enti wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.