Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Exodus 9:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Nanso deɛ enti a makora wo soɔ+ ne sɛ mepɛ sɛ meyi me tumi adi kyerɛ woɔ, na wɔabɔ me din asase nyinaa so.+

  • Exodus 15:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Anyame mu hwan na ɔte sɛ woɔ, O Yehowa?+

      Hwan na ɔte sɛ woɔ, kronkronyɛ mu otumfoɔ?+

      Deɛ ɛsɛ sɛ wɔsuro+ no na wɔde nnwom yi no ayɛ,+ deɛ ɔyɛ anwanwadeɛ.+

  • Exodus 18:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Sɛ mehwɛ deɛ Yehowa de baa Egyptfoɔ soɔ berɛ a wɔredi Israelfoɔ so akokurokosɛm no a, mehunu ampa sɛ Yehowa sõ sene anyame foforɔ nyinaa.”+

  • Yosua 2:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Yɛate sɛdeɛ mofiri Egypt reba no Yehowa maa Po Kɔkɔɔ no wee wɔ mo anim,+ ne deɛ mode yɛɛ Amorifoɔ ahemfo mmienu, Sihon+ ne Og,+ a wɔwɔ Yordan agya no, sɛe a mosɛee wɔn no.+

  • Nehemia 9:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Wopaee ɛpo+ no mu wɔn anim maa wɔfaa asase kesee+ so wɔ ɛpo no mfimfini twaeɛ; na wɔn ataafoɔ no, wotoo wɔn guu abunu+ no mu sɛ boɔ+ wɔ nsuo a ano yɛ den no mu.+

  • Yesaia 2:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Ɔdasani ani a ɛtra ne ntɔn no bɛbrɛ ase na nnipa ahomasoɔ aba fam.+ Saa da no, Yehowa nko ara na wɔbɛma ne soɔ.+

  • Romafoɔ 9:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 Ɛfiri sɛ Twerɛnsɛm no ka kyerɛ Farao sɛ: “Yei ara nti na mama kwan ama woda so te aseɛ, sɛ mɛyi me tumi adi wɔ wo so, na wɔabɔ me din asase nyinaa so.”+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane