Yosua
2 Afei Nun ba Yosua somaa mmarima mmienu kodɛɛ firii Sitim,+ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔhwɛ sɛdeɛ asase no ne Yeriko kuro no teɛ.” Enti wɔsiim kɔeɛ, na wɔkɔduruu ɔbaa dwamanfoɔ bi a ne din de Rahab+ fie, na wɔsoɛɛ hɔ. 2 Na asɛm no duruu Yeriko hene asom sɛ: “Hwɛ! Israelfoɔ mmarima bi aba ha anadwo yi rebɛhwɛ sɛdeɛ yɛn asase yi teɛ.” 3 Ɛnna Yeriko hene soma kɔɔ Rahab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yi mmarima a wɔaba wo nkyɛn wɔ wo fie no bra, na wɔaba ha sɛ wɔrebɛhwɛ sɛdeɛ yɛn asase no afã nyinaa teɛ.”+
4 Saa berɛ yi na ɔbaa no de mmarima mmienu no asie. Na ɔkaa sɛ: “Ampa, mmarima no baa me nkyɛn, nanso mennim baabi a wɔfire. 5 Na esum duruiɛ a wɔrebɛto pono mu+ no, mmarima no firii adi, nanso mennim baabi a wɔfaeɛ. Monyɛ ntɛm ntĩ wɔn na mobɛto wɔn.” 6 (Nso na ɔde wɔn kɔ ɛdan no atifi+ de wɔn akɔsie asaawa nnua bi a wɔahyehyɛ no atifi hɔ mu.) 7 Enti ɔhene nkurɔfoɔ no de wɔn ani kyerɛɛ Yordan asutwareeɛ+ tĩĩ wɔn. Berɛ a wɔfirii adie ara na wɔtoo kuro no pono mu.
8 Ansa na mmarima a wɔwɔ dan no atifi bɛda no, ɔbaa no kɔɔ wɔn nkyɛn. 9 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Menim sɛ ɛkwan biara so Yehowa de asase yi bɛma mo,+ na mo ho hu mpo atɔ yɛn so+ dada. Na moama asase yi sofoɔ nyinaa akoma aboto.+ 10 Yɛate sɛdeɛ mofiri Egypt reba no Yehowa maa Po Kɔkɔɔ no wee wɔ mo anim,+ ne deɛ mode yɛɛ Amorifoɔ ahemfo mmienu, Sihon+ ne Og,+ a wɔwɔ Yordan agya no, sɛe a mosɛee wɔn no.+ 11 Berɛ a yɛteeɛ no, yɛn akoma tuiɛ,+ na mo nti obiara honhom adwane bɛsi nnɛ,+ ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn yɛ ɔsoro a ɛwɔ soro ne asase a ɛwɔ fam yi Nyankopɔn.+ 12 Ɛsiane sɛ mayɛ mo adɔeɛ nti, monka ntam Yehowa din mu+ sɛ mo nso mobɛyɛ me papa fiefoɔ adɔeɛ.+ Enti momma me sɛnkyerɛnne+ a ɛyɛ nokorɛ. 13 Mesrɛ mo monnye me papa+ ne me maame ne me nua mmarima ne me nua mmaa ne wɔn fiefoɔ nyinaa. Na monyi yɛn kra mfiri owuo mu.”+
14 Ɛnna mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ́ mobɛwuo deɛ, anka yɛde yɛn kra bɛtwa so!+ Na sɛ moammɔ asɛm yi so na Yehowa de asase yi ma yɛn a, yɛn nso yɛbɛyɛ mo adɔeɛ na yɛadi mo nokorɛ.”+ 15 Afei ɔmaa wɔn ahoma maa wɔde faa mpomma mu sii fam, ɛfiri sɛ na ɔbaa no dan si kuro no fasuo so, na ɔfasuo so na na ɔteɛ.+ 16 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ bepɔ so na wɔn a wɔrehwehwɛ mo no anhu mo; afei momfa mo ho nsie nnansa nkɔsi sɛ wɔn a wɔrehwehwɛ mo no bɛsan aba ansa na moakɔ mo kwan.”
17 Na mmarima no nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛrenni fɔ wɔ ntam a woama yɛaka yi ho.+ 18 Hwɛ! Yɛreba asase yi so. Enti fa ahoma kɔkɔɔ yi sɛn mpomma a womaa yɛfaa mu yi ho, na ma wo papa ne wo maame ne wo nuanom ne wo papa fiefoɔ nyinaa mmɛka wo ho wɔ fie ha.+ 19 Na obiara a ɔbɛfiri fie yi mu akɔ abɔnten no,+ ne mogya bɛgu ne tiri so, na yɛrenni fɔ. Na obiara a ɔwɔ wo nkyɛn wɔ fie ha deɛ, sɛ obi de ne nsa ka no a, ne mogya bɛba yɛn tiri so. 20 Na sɛ wobɔ asɛm yi so+ a, ɛnneɛ yɛrenni fɔ wɔ ntam a woama yɛaka yi ho.” 21 Ɛnna ɔbaa no kaa sɛ: “Deɛ moaka yi mmra mu saa.”
Afei ɔgyaa wɔn maa wɔkɔeɛ. Na ɔde ahoma kɔkɔɔ no sɛnee mpomma no ho. 22 Enti wɔkɔɔ bepɔ so na wɔtenaa hɔ nnansa kɔsii sɛ wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn no san baeɛ. Na wɔhwehwɛɛ akwan no nyinaa so nanso wɔanhu wɔn. 23 Afei mmarima mmienu no siane firii bepɔ no so, na wɔtwaa nsuo no baa Nun ba Yosua nkyɛn, na wɔbɛkaa deɛ wɔfaa mu nyinaa kyerɛɛ no. 24 Na wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Yehowa de asase no nyinaa ahyɛ yɛn nsa.+ Na yɛn nti, asase no sofoɔ nyinaa akoma aboto.”+