Yosua
3 Na Yosua sɔree anɔpahema ne Israelfoɔ nyinaa tu firii Sitim+ kɔɔ Yordan ho; na wɔdaa hɔ maa adeɛ kyeeɛ ansa na wɔretwa.
2 Nnansa akyi+ no mpanimfoɔ+ no faa nsraban no mu, 3 na wɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Sɛ mohunu sɛ Lewifoɔ asɔfoɔ no sõ Yehowa mo Nyankopɔn apam adaka+ no a, momfiri mo atenaeɛ na monni akyire. 4 Nanso momma kwan bɛyɛ basafa mpem mmienu nna mo ne ne ntam;+ mommmɛn ho. Ɛno bɛma moahunu kwan a mobɛfa soɔ, ɛfiri sɛ momfaa kwan no so da.”
5 Afei Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monyɛ mo ho kronkron,+ ɛfiri sɛ ɔkyena Yehowa bɛyɛ anwanwadeɛ mo mu.”+
6 Na Yosua ka kyerɛɛ asɔfoɔ no sɛ: “Momfa apam adaka+ no na monni ɔman no anim.” Enti wɔfaa apam adaka no dii ɔman no anim.
7 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Ɛfiri nnɛ rekorɔ mɛma wo so Israelfoɔ nyinaa anim,+ na wɔahunu sɛ sɛdeɛ medii Mose akyi no+ saa ara na mɛdi w’akyire.+ 8 Na ka kyerɛ+ asɔfoɔ a wɔsõ apam adaka no sɛ, ‘Sɛ moduru Yordan nsuo no ano pɛ a, monnyina+ Yordan mu.’”
9 Yosua ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: “Mommra mmɛtie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm.” 10 Ɛnna Yosua kaa sɛ: “Afei mobɛhunu sɛ Onyankopɔn teasefoɔ bi wɔ mo mu,+ na ɔbɛpamo Kanaanfoɔ ne Hitifoɔ ne Hiwifoɔ ne Perisifoɔ ne Girgasifoɔ ne Amorifoɔ ne Yebusifoɔ afiri mo anim.+ 11 Hwɛ, asase nyinaa Wura no apam adaka di mo anim rekɔ Yordan mu. 12 Enti monyi mmarima dumienu mfiri Israel mmusuakuo no mu, abusuakuo biara mu barima baako.+ 13 Na sɛ asɔfoɔ a wɔsõ asase nyinaa Wura Yehowa adaka no de wɔn nan si Yordan nsuo no mu pɛ a, nsuo a ɛfiri atifi no bɛtwa na agyina faako na ayɛ tadeɛ kɛseɛ.”+
14 Na berɛ a ɔman no tu firii wɔn ntomadan mu a wɔrekɔtwa Yordan no, na asɔfoɔ no sõ apam adaka+ no di ɔman no anim. 15 (Ɛduru ayuo twa berɛ a na Yordan yiri fa ne kɔn so nyinaa.)+ Na berɛ a wɔn a wɔso adaka no duruu Yordan nsuo no ano na asɔfoɔ a wɔso adaka no de wɔn nan sii nsuo no mu pɛ, 16 nsuo a ɛfiri atifi reba no nyinaa bɛgyinaa faako. Ɛyɛɛ tadeɛ kɛseɛ+ wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kuro bi a ɛbɛn Saretan.+ Enti nsuo a ɛsene kɔ po a ɛwɔ Araba anaa Nkyene Po+ no mu no twaa koraa maa ɔman no tumi twa kɔɔ Yeriko ntentensoɔ. 17 Na asɔfoɔ a wɔsõ Yehowa apam adaka no gyinaa asase kesee+ so kyerebenn wɔ Yordan mfimfini kɔsii sɛ Israel man no nyinaa faa asase kesee+ no so twaa Yordan wieeɛ.