Yosua
3 Ɛnna Yosua sɔree anɔpatutuutu, na ɔne Israelfoɔ* nyinaa tu firii Sitim+ kɔɔ Yordan ano. Wɔdaa hɔ maa adeɛ kyee ansa na wɔretwa.
2 Nnansa akyi no, mpanimfoɔ no+ faa nkurɔfoɔ no mu wɔ asoɛeɛ hɔ nyinaa, 3 na wɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Sɛ mohunu sɛ Lewifoɔ asɔfoɔ no so Yehowa mo Nyankopɔn apam adaka no a,+ ɛhɔ ara, momfiri baabi a mowɔ no na monni akyire. 4 Nanso momma kwan bɛyɛ basafa 2,000* nna mo ne apam adaka no ntam; mommmɛn ho, na ɛbɛma moahunu ɛkwan a mobɛfa so, ɛfiri sɛ momfaa ɛkwan no so da.”
5 Afei Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Monte mo ho,*+ ɛfiri sɛ ɔkyena, Yehowa bɛyɛ anwanwadeɛ wɔ mo mu.”+
6 Ɛnna Yosua ka kyerɛɛ asɔfoɔ no sɛ: “Momfa apam adaka no,+ na monni ɔman no anim.” Enti wɔfaa apam adaka no dii ɔman no anim.
7 Na Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Ɛnnɛ da yi, mɛfiri aseɛ ayɛ wo kɛseɛ wɔ Israelfoɔ nyinaa anim,+ na wɔahunu sɛ sɛdeɛ medii Mose akyi no,+ saa ara na mɛdi w’akyi.+ 8 Fa ahyɛdeɛ yi ma asɔfoɔ a wɔso apam adaka no sɛ: ‘Sɛ moduru Yordan nsuo no ano a, monnyina Yordan no mu dinn.’”+
9 Ɛnna Yosua ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: “Mommra ha na mommɛtie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm.” 10 Na Yosua kaa sɛ: “Wei na mode bɛhunu sɛ Onyankopɔn teasefoɔ bi wɔ mo mu.+ Ɔbɛpamo Kaananfoɔ ne Hitifoɔ ne Hiwifoɔ ne Perisifoɔ ne Girgasifoɔ ne Amorifoɔ ne Yebusifoɔ afiri mo anim.+ 11 Hwɛ! Asaase nyinaa Wura no apam adaka redi mo anim akɔ Yordan mu. 12 Afei monyi mmarima 12 mfiri Israel mmusuakuo no mu, abusuakuo biara mu ɔbarima baako,+ 13 na sɛ asɔfoɔ a wɔso asaase nyinaa Wura, Yehowa, Adaka no de wɔn nan si Yordan nsuo no mu ara pɛ, nsuo a ɛtene firi atifi no bɛtwa, na agyina faako te sɛ ɔfasuo.”+
14 Enti berɛ a ɔman no tu firii wɔn ntomadan mu a wɔrekɔtwa Yordan no, asɔfoɔ a wɔso apam adaka+ no dii ɔman no anim. 15 (Ɛduru berɛ a wɔtwa hwiit a, saa berɛ no nyinaa Yordan yiri ma ɛbu fa ne kɔn so.)+ Na berɛ a asɔfoɔ a wɔso Adaka no duruu Yordan nsuo no ano a wɔde wɔn nan sii nsuo no mu ara pɛ, 16 nsuo a ɛtene firi atifi no nyinaa bɛgyinaa faako. Ɛkɔɔ soro te sɛ ɔfasuo wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kuro bi a ɛbɛn Saretan. Ɛnna deɛ ɛtene kɔ Araba Po a ɛno ara ne Nkyene Po* no mu no nso twaeɛ. Ɛtwae koraa maa ɔman no faa baabi a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no twae. 17 Na asɔfoɔ a wɔso Yehowa apam adaka no kɔɔ so gyinaa hɔ dinn wɔ asaase a ɛso awo so+ wɔ Yordan mfimfini kɔsii sɛ Israel man no nyinaa faa asaase a ɛso awo so+ twaa Yordan wieeɛ.