Yosua
2 Afei Nun ba Yosua somaa mmarima mmienu kodɛɛ firii Sitim+ sɛ akwansrafoɔ.* Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔhwɛ sɛdeɛ asaase no teɛ, ɛnkanka Yeriko kuro no.” Enti wɔsiim kɔe, na wɔkɔduruu tuutuuni bi a ne din de Rahab+ fie, na wɔsoɛɛ hɔ. 2 Na nkurɔfoɔ kɔka kyerɛɛ Yeriko hene sɛ: “Hwɛ! Israelfoɔ mmarima bi awia wɔn ho aba ha anadwo yi rebɛhwɛ sɛdeɛ yɛn asaase yi teɛ.” 3 Ɛnna Yeriko hene soma kɔka kyerɛɛ Rahab sɛ: “Yi mmarima a wɔabɛsoɛ wo fie ha no bra, na wɔawia wɔn ho aba ha sɛ wɔrebɛhwɛ sɛdeɛ yɛn asaase no nyinaa teɛ.”
4 Nanso ɔbaa no de mmarima mmienu no sieeɛ. Ɛnna ɔkaa sɛ: “Ampa, mmarima no baa me nkyɛn, nanso mennim baabi a wɔfiri. 5 Esum duruiɛ a wɔrebɛto kuro no pono mu no, mmarima no pue kɔe, nanso mennim baabi a wɔfaeɛ. Monyɛ ntɛm nni wɔn akyi, na mobɛto wɔn.” 6 (Nso na ɔde wɔn kɔ ɛdan no atifi de wɔn akɔsie asaawa nnua bi a wɔahyehyɛ wɔ atifi hɔ no mu.) 7 Enti ɔhene nkurɔfoɔ no de wɔn ani kyerɛɛ baabi a wɔtwa Yordan no,+ na wɔdii wɔn akyi. Berɛ a ɔhene nkurɔfoɔ no pue kɔeɛ ara pɛ na wɔtoo kuro no pono mu.
8 Ansa na mmarima a wɔwɔ ɛdan no atifi bɛda no, ɔbaa no foro kɔɔ wɔn nkyɛn. 9 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Menim sɛ Yehowa de asaase yi bɛma mo,+ na mo ho hu atɔ yɛn so.+ Mo nti, asaase yi sofoɔ nyinaa abɔ hu,+ 10 ɛfiri sɛ yɛate sɛdeɛ Yehowa maa Ɛpo Kɔkɔɔ no wee wɔ mo anim berɛ a mofiri Egypt reba no,+ ne deɛ mode yɛɛ Amorifoɔ ahemfo mmienu, Sihon+ ne Og+ a mosɛee wɔn wɔ Yordan agya* no. 11 Berɛ a yɛteeɛ no, yɛn akoma tui,* na mo nti obiara abɔ hu, ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn yɛ ɔsoro a ɛwɔ soro ne asaase a ɛwɔ fam yi Nyankopɔn.+ 12 Afei mesrɛ mo, monka me ntam Yehowa din mu sɛ, ɔdɔ a ɛnni hwammɔ a mada no adi akyerɛ mo nti, mo nso mobɛda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ me papa fiefoɔ. Na momma me adanseɛ* a ɛkyerɛ sɛ mobɛdi mo asɛm so. 13 Monnye me papa ne me maame ne me nua mmarima ne me nua mmaa ne wɔn fiefoɔ nyinaa. Monnye yɛn na yɛanwuwu.”*+
14 Ɛnna mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ́ mobɛwu deɛ, anka yɛde yɛn nkwa* bɛtwa so! Sɛ moamma obiara anhunu deɛ enti a yɛbaa ha, na Yehowa de asaase yi ma yɛn a, yɛn nso yɛbɛda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ mo na yɛadi mo nokorɛ.” 15 Afei ɔbaa no maa wɔn ahoma maa wɔde faa mpomma mu sii fam, ɛfiri sɛ na ne dan si kuro no fasuo so. Ɔfasuo no so na na ɔteɛ.+ 16 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ bepɔ so na momfa mo ho nsie nnansa, na wɔn a wɔrehwehwɛ mo no anhu mo. Sɛ wɔn a wɔrehwehwɛ mo no san ba a, na moakɔ mo kwan.”
17 Ɛnna mmarima no nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ ntam a woama yɛaka yi bɛyɛ adwuma a,+ 18 yɛba asaase yi so a, gye sɛ yɛhunu sɛ wode ahoma kɔkɔɔ yi asɛn mpomma a worema yɛafa mu yi ho. Ma wo papa ne wo maame ne wo nuanom ne wo papa fiefoɔ nyinaa mmɛka wo ho wɔ fie ha.+ 19 Obiara a ɔbɛfiri wo fie yi mu akɔ abɔnten no, sɛ ɔwu a, ɔno ara na ayɛ,* na yɛrenni fɔ. Na obiara a ɔbɛtena wo nkyɛn wɔ fie ha deɛ, sɛ bɔne bi to no a,* ɛnneɛ yɛbɛdi fɔ.* 20 Na sɛ woma obi hunu deɛ enti a yɛbaa ha a,+ ɛnneɛ yɛrenni fɔ wɔ ntam a woama yɛaka yi ho.” 21 Ɛnna ɔbaa no kaa sɛ: “Deɛ moaka yi, ɛmmra mu saa.”
Afei ɔgyaa wɔn kwan maa wɔkɔe. Na ɔde ahoma kɔkɔɔ no sɛn mpomma no ho. 22 Enti wɔfirii hɔ kɔɔ bepɔ so, na wɔtenaa hɔ nnansa kɔsii sɛ wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn no san baeɛ. Wɔhwehwɛɛ akwan no nyinaa so, nanso wɔanhu wɔn. 23 Afei mmarima mmienu no siane firii bepɔ no so, na wɔtwaa nsuo no baa Nun ba Yosua nkyɛn, na wɔbɛkaa deɛ ɛtoo wɔn no nyinaa kyerɛɛ no. 24 Na wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Yehowa de asaase no nyinaa ahyɛ yɛn nsa.+ Na yɛn nti, asaase no sofoɔ nyinaa abɔ hu.”+