Yosua
1 Yehowa akoa Mose wuo akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Nun ba Yosua*+ a na ɔyɛ Mose somfoɔ+ no sɛ: 2 “M’akoa Mose awu.+ Afei sɔre na wo ne nnipa yi nyinaa ntwa Asubɔnten Yordan yi nkɔ asaase a mede rema Israelfoɔ no so.+ 3 Baabiara a mo nan bɛsi no, mede bɛma mo sɛdeɛ mehyɛɛ Mose bɔ no.+ 4 Ɛfiri serɛ no so hɔ kɔsi Lebanon kɔfa asubɔnten kɛseɛ Eufrate ho, kyerɛ sɛ, Hitifoɔ+ asaase nyinaa, de kɔfa Ɛpo Kɛseɛ* no atɔeɛ fam* nyinaa bɛyɛ mo asaase.+ 5 Wo nkwa nna nyinaa, obiara rentumi nni wo so nkonim.+ Sɛdeɛ medii Mose akyi no, saa ara na mɛdi w’akyi.+ Merempo wo, na merennya wo.+ 6 Nya akokoɔduro na ma wo ho nyɛ den,+ ɛfiri sɛ wo na wode ɔman yi bɛkɔ ama wɔakɔfa asaase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no.+
7 “Deɛ ɛhia ara ne sɛ wobɛnya akokoɔduro na woama wo ho ayɛ den paa, na woahwɛ adi Mmara a m’akoa Mose de maa wo no nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Mmane mfiri ho nkɔ nifa anaa benkum;+ ɛno bɛma woayɛ w’adeɛ nyansam baabi a wobɛkɔ biara.+ 8 Mma Mmara nwoma yi mmfiri w’anom,+ na mmom kenkan na dwendwene ho* awia ne anadwo na woadi deɛ wɔatwerɛ wom nyinaa so pɛpɛɛpɛ.+ Woyɛ saa a, ɛbɛsi wo yie na woayɛ w’adeɛ nyansam.+ 9 Menka nkyerɛɛ wo sɛ nya akokoɔduro na ma wo ho nyɛ den anaa? Nsuro, na mmɔ hu, ɛfiri sɛ baabi a wobɛkɔ biara, Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.”+
10 Afei Yosua ka kyerɛɛ ɔman no mpanimfoɔ sɛ: 11 “Momfa nkurɔfoɔ no mu wɔ asoɛeɛ hɔ, na monka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Aka nnansa, mobɛtwa Asubɔnten Yordan yi akɔfa asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo no.+ Enti, monhwehwɛ aduane a mobɛdi wɔ kwan so.’”
12 Na Yosua ka kyerɛɛ Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no sɛ: 13 “Monkae asɛm a Yehowa akoa Mose ka kyerɛɛ mo yi,+ ‘Yehowa mo Nyankopɔn ama moanya asomdwoeɛ, na ɔde asaase yi ama mo. 14 Mo yerenom, mo mma, ne mo nyɛmmoa bɛka Yordan agya ha,* asaase a Mose de ama mo yi so.+ Mmarima a monim ko yie nyinaa deɛ,+ momfa mo akodeɛ na monni mo nuanom anim ntwa Yordan.+ Ɛsɛ sɛ moboa wɔn 15 kɔsi sɛ Yehowa bɛma mo nuanom asomdwoeɛ sɛdeɛ wama mo asomdwoeɛ no, na wɔafa asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de rema wɔn no. Mowie a, na moasan mo akyi abɛfa asaase a wɔde ama mo sɛ montena so no, asaase a Yehowa akoa Mose de ama mo wɔ Yordan agya wɔ apueeɛ fam no.’”+
16 Ɛnna wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Deɛ woaka akyerɛ yɛn nyinaa yɛbɛyɛ, na baabiara a wobɛsoma yɛn no, yɛbɛkɔ.+ 17 Sɛdeɛ yɛtiee Mose wɔ biribiara mu no, saa ara na yɛbɛtie wo. Deɛ yɛresrɛ ara ne sɛ, Yehowa wo Nyankopɔn nni w’akyi sɛdeɛ ɔdii Mose akyi no.+ 18 Obiara a ɔbɛsɔre atia w’ahyɛdeɛ na wantie asɛm biara a wobɛka akyerɛ no no, wɔnku no.+ Enti nya akokoɔduro na ma wo ho nyɛ den.”+