Yosua
1 Yehowa akoa Mose wuo akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Nun ba Yosua+ a na ɔyɛ Mose somfoɔ+ no sɛ: 2 “M’akoa Mose awu;+ afei sɔre na wo ne ɔman yi nyinaa ntwa Yordan asubɔnten yi nkɔ asase a mede rema Israelfoɔ no so.+ 3 Baabiara a mo nan bɛtia no, mede bɛma mo sɛdeɛ mehyɛɛ Mose bɔ no.+ 4 Ɛfiri serɛ so hɔ ne Lebanon yi kɔsi asukɛseɛ Eufrate ho, kyerɛ sɛ Hitifoɔ asase nyinaa,+ de kɔfa Po kɛseɛ no atɔeɛ fam nyinaa bɛyɛ mo asase.+ 5 Na wo nkwa nna nyinaa, obiara rentumi nnyina w’anim.+ Sɛdeɛ medii Mose akyi no, saa ara na mɛdi w’akyire.+ Merempo wo na merennya wo.+ 6 Ma wo bo nyɛ duru na wo ho nyɛ den,+ ɛfiri sɛ wo na wode ɔman yi bɛkɔ ama wɔakɔfa+ asase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no.+
7 “Deɛ ɛhia ara ne sɛ wobɛma wo bo ayɛ duro na wo ho ayɛ den paa, na woahwɛ adi mmara a m’akoa Mose de maa woɔ no nyinaa soɔ.+ Mmane mfiri ho nkɔ nifa anaa benkum+ na woayɛ w’adeɛ nyansam baabi a wobɛkorɔ biara.+ 8 Mma mmara nwoma yi mmfiri w’anom,+ na mmom kenkan na dwendwene ho awia ne anadwo na woadi deɛ wɔatwerɛ no mu nyinaa so.+ Woyɛ saa a, ɛbɛsi wo yie na woayɛ w’adeɛ nyansam.+ 9 Adɛn, menhyɛɛ wo+ sɛ ma wo bo nyɛ duru na wo ho nyɛ den? Nsuro na mmɔ hu,+ ɛfiri sɛ baabi a wobɛkorɔ biara no, Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.”+
10 Afei Yosua ka kyerɛɛ ɔman no mu mpanimfoɔ sɛ: 11 “Monkɔ nsraban no mu na monka nkyerɛ ɔman no sɛ, ‘Nnansa akyi mobɛtwa Yordan asubɔnten yi akɔfa asase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo no.+ Enti, monhwehwɛ aduane a mobɛdi no kwan soɔ.’”
12 Na Yosua ka kyerɛɛ Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no sɛ: 13 “Monkae asɛm a Yehowa akoa Mose ka kyerɛɛ mo no sɛ,+ ‘Yehowa mo Nyankopɔn ama moanya asomdwoeɛ, na ɔde asase yi ama mo. 14 Mo yerenom ne mo mma nkumaa ne mo mmoa bɛka asase a Mose de ama mo Yordan agya ha no so;+ na mo, nnɔmmarima+ nyinaa deɛ, momfa mo akodeɛ+ na monni mo nuanom anim nkɔboa wɔn. 15 Na sɛ Yehowa ma mo nuanom home sɛ mo na wɔfa asase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama wɔn+ no a, afei mobɛtumi asan aba abɛfa asase+ a wɔde ama mo no, deɛ Yehowa akoa Mose de ama mo Yordan agya wɔ apueeɛ fam no.’”+
16 Ɛnna wɔbuaa Yosua sɛ: “Deɛ woahyɛ yɛn nyinaa yɛbɛyɛ, na baabiara a wobɛsoma yɛn no yɛbɛkɔ.+ 17 Sɛdeɛ yɛtiee Mose biribiara mu no, saa ara na yɛbɛtie woɔ. Deɛ yɛresrɛ ara ne sɛ Yehowa wo Nyankopɔn nni w’akyi+ sɛdeɛ ɔdii Mose akyi no.+ 18 Na obiara a ɔbɛsɔre atia w’ahyɛdeɛ+ na wantie asɛm biara a wobɛka akyerɛ no no, wɔnku no.+ Enti ma wo bo nyɛ duru na wo ho nyɛ den.”+