16 nsuo a ɛtene firi atifi no nyinaa bɛgyinaa faako. Ɛkɔɔ soro te sɛ ɔfasuo wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kuro bi a ɛbɛn Saretan. Ɛnna deɛ ɛtene kɔ Araba Po a ɛno ara ne Nkyene Po no mu no nso twaeɛ. Ɛtwae koraa maa ɔman no faa baabi a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no twae.