Yosua
4 Afei berɛ a ɔman no nyinaa twaa Yordan wieeɛ no,+ Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: 2 “Yi mmarima dumienu firi ɔman no mu, abusuakuo biara mu barima baako,+ 3 na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Momfa aboɔ dumienu+ mfiri Yordan mfimfini, baabi a na asɔfoɔ no nan sisie+ no, na momfa nkɔgu baabi a mobɛsoɛ+ anadwo yi.’”
4 Enti Yosua frɛɛ mmarima dumienu+ a ɔyii wɔn firii Israelfoɔ mu no, abusuakuo biara mu barima baako; 5 na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsene nkɔdi Yehowa mo Nyankopɔn apam adaka no anim nkɔ Yordan mfimfini, na obiara mfa boɔ baako nto n’abati, sɛdeɛ Israel mmusua dodoɔ teɛ, 6 na yei nyɛ sɛnkyerɛnne mma mo.+ Na sɛ da bi mo mma bisa mo sɛ, ‘Mode aboɔ yi reyɛ dɛn?’+ a, 7 monka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Berɛ a wɔde Yehowa apam adaka no kɔfaa Yordan nsuo no mu no, nsuo no twaeɛ, adaka no anim,+ na aboɔ yi bɛyɛ nkaeɛ ama Israelfoɔ daa.’”+
8 Enti Israelfoɔ no yɛɛ deɛ Yosua kaeɛ no pɛpɛɛpɛ, na wɔtasee aboɔ dumienu firii Yordan mfimfini, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Yosua no. Aboɔ no dodoɔ ne Israel mmusua no dodoɔ yɛ pɛ,+ na wɔde kaa wɔn ho kɔguu wɔn asoɛeɛ.+
9 Afei nso Yosua de aboɔ dumienu guu Yordan mfimfini, baabi a na asɔfoɔ a wɔsõ apam adaka no nan sisie+ no, na ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ.
10 Na asɔfoɔ a wɔsõ adaka no kɔɔ so gyinaa Yordan mfimfini+ kɔsii sɛ wɔwiee deɛ Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa, sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ Yosua no.+ Na ɔman no yɛɛ ntɛm+ twaeɛ. 11 Berɛ a ɔman no nyinaa twaeɛ no, Yehowa adaka+ no ne asɔfoɔ no twaeɛ, ɔman no anim. 12 Na Ruben asefoɔ ne Gad asefoɔ ne Manase abusuakuo fã+ no de wɔn akodeɛ+ twaeɛ, Israelfoɔ no anim, sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ wɔn no.+ 13 Asraafoɔ a wɔasiesie wɔn ho ama ɛko bɛyɛ mpem aduanan na wɔtwa faa Yehowa anim kɔɔ Yeriko serɛ soɔ.
14 Saa da no Yehowa maa Yosua so wɔ Israelfoɔ nyinaa anim,+ na wɔfirii aseɛ suroo no sɛdeɛ na wɔsuro Mose no, ne nkwa nna nyinaa.+
15 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: 16 “Ka kyerɛ asɔfoɔ a wɔsõ adanseɛ adaka+ no sɛ wɔmfiri Yordan mu.” 17 Enti Yosua ka kyerɛɛ asɔfoɔ no sɛ: “Momfiri Yordan mu.” 18 Afei berɛ a asɔfoɔ a wɔsõ Yehowa apam adaka no+ firii Yordan mu baeɛ a wɔn nan+ kaa asase kesee no pɛ na Yordan nsuo no san baeɛ, na ɛyiri faa ne kɔn so+ nyinaa sɛdeɛ na ɛteɛ kane no.
19 Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so du na ɔman no firii Yordan mu, na wɔbɛsoɛɛ Gilgal+ wɔ Yeriko hyeɛ so wɔ apueeɛ fam.
20 Yosua de aboɔ dumienu a wɔfa firii Yordan mu no bɛsisii Gilgal.+ 21 Ɔtoaa so ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: “Sɛ da bi mo mma bisa wɔn papanom sɛ, ‘Aboɔ yi nso kyerɛ sɛn?’+ a, 22 monka nkyerɛ mo mma no sɛ, ‘Israelfoɔ faa asase kesee so na wɔtwaa Yordan yi.+ 23 Yehowa mo Nyankopɔn maa Yordan nsuo no we kɔsii sɛ wɔn nyinaa twa kɔɔ n’agya, sɛdeɛ Yehowa mo Nyankopɔn maa Po Kɔkɔɔ no wee wɔ yɛn anim kɔsii sɛ yɛtwaeɛ+ no. 24 Na ɛbɛma asase so aman nyinaa ahunu sɛ Yehowa nsa+ yɛ den,+ na mo nso mobɛsuro Yehowa mo Nyankopɔn daa.’”+