Yosua
5 Afei berɛ a Amorifoɔ+ ahemfo a wɔwɔ Yordan agya wɔ atɔeɛ fam, ne Kanaan+ ahemfo a wɔtete po ho no nyinaa tee sɛ Yehowa maa Yordan nsuo no wee wɔ Israelfoɔ no anim kɔsii sɛ wɔn nyinaa twaeɛ no, wɔn akoma tuiɛ,+ na Israelfoɔ no nti wɔn ho mmoa nyinaa dwaneeɛ.+
2 Saa berɛ no ara Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Fa aboɔ a ano yɛ nnam yɛ asekan na twa Israelfoɔ no twetia,+ deɛ ɛtɔ so mmienu.” 3 Enti Yosua de aboɔ yɛɛ asekan twaa Israelfoɔ no twetia wɔ Gibeat-Haaralot.+ 4 Deɛ enti a Yosua twaa wɔn twetia nie: Mmarima a wɔfiri Egypt baeɛ a na wɔbɛtumi akɔ ko no nyinaa wuwuu+ kwan mu wɔ serɛ no so berɛ a wɔfiri Egypt reba no. 5 Wɔn a wɔfiri Egypt baeɛ no nyinaa deɛ, na wɔatwa wɔn twetia dada, nanso wɔn a wɔfiri Egypt reba a wɔwoo wɔn kwan so wɔ serɛ soɔ no nyinaa deɛ, na wɔntwaa wɔn twetia. 6 Israelfoɔ no nantee serɛ no so mfeɛ aduanan+ kɔsii sɛ ɔman no mu mmarima a wɔbɛtumi akɔ ko a wɔfiri Egypt baeɛ a wɔantie Yehowa no nyinaa ase hyeeɛ. Wɔn na Yehowa kaa wɔn ntam sɛ ɔremma wɔnhunu asase+ a Yehowa kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn+ no, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ+ no. 7 Ɔmaa wɔn mma bɛsii wɔn anan.+ Yeinom na Yosua twaa wɔn twetia, ɛfiri sɛ wɔantwa wɔn twetia wɔ kwan so.
8 Na berɛ a wɔtwaa ɔman no nyinaa twetia wieeɛ no, wɔtenaa wɔn asoɛeɛ hɔ kɔsii sɛ wɔn ho tɔɔ wɔn.+
9 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Ɛnnɛ mapia Egypt animguaseɛ nyinaa afiri mo so.”+ Enti wɔtoo hɔ din Gilgal,+ na wɔfrɛ hɔ saa bɛsi nnɛ.
10 Israelfoɔ no kɔɔ so tenaa Gilgal, na bosome no da a ɛtɔ so dunan+ anwummerɛ no, wɔdii twam no wɔ Yeriko serɛ no so. 11 Berɛ a wɔdii twam na adeɛ kyeeɛ no, saa da no wɔfirii aseɛ dii asase no so nnɔbaeɛ, paanoo a mmɔreka nnim+ ne nkyeweɛ. 12 Na ɛfiri da a wɔdii asase no so nnɔbaeɛ no bie no, mana no to twaeɛ, na Israelfoɔ annya mana bio.+ Saa afe no, wɔfirii aseɛ dii Kanaan asase no so nnɔbaeɛ+ no bi.
13 Berɛ bi na Yosua wɔ Yeriko mpɔtamu hɔ baabi, afei ɔbɛma n’ani so a, ɔbarima+ bi na watwe nkrantɛ+ gyina n’anim yi! Ɛnna Yosua twe bɛn no bisaa no sɛ: “Hwan afã na wowɔ, yɛn anaa yɛn atamfo?” 14 Ɔbarima no buaa sɛ: “Ɛnte saa, mmom maba sɛ Yehowa safohene.”+ Ɛnna Yosua de n’anim butuu fam+ bisaa no sɛ: “Asɛm bɛn na me wura wɔ ma n’akoa?” 15 Na Yehowa safohene no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Yi wo nan ase mpaboa, ɛfiri sɛ baabi a wogyina no yɛ kronkron.” Ntɛm ara na Yosua yɛɛ saa.+