Genesis 34:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛrentumi mfa yɛn nuabaa mma ɔbarima a ɔntwaa twetia,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ animguaseɛ ma yɛn. Dabi, yɛrentumi nyɛ saa. Dwom 119:39 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 39 Ma m’ahohora a mesuro no ntwam nkɔ,+Ɛfiri sɛ w’atemmusɛm yɛ.+ Yeremia 9:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na obiara a watwa twetia nanso ɔda so wɔ ne momonoto mu no, mɛbu no atɛn;+ Yeremia 9:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Egyptfoɔ+ ne Yudafoɔ+ ne Edomfoɔ+ ne Ammonfoɔ+ ne Moabfoɔ+ ne obiara a ɔte serɛ so a watwitwa n’abɔdwesɛ no,+ mɛbu wɔn nyinaa atɛn, ɛfiri sɛ amanaman nyinaa yɛ momonotofoɔ na Israel fie nyinaa nso yɛ akomam momonotofoɔ.”+
14 Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛrentumi mfa yɛn nuabaa mma ɔbarima a ɔntwaa twetia,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ animguaseɛ ma yɛn. Dabi, yɛrentumi nyɛ saa.
25 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na obiara a watwa twetia nanso ɔda so wɔ ne momonoto mu no, mɛbu no atɛn;+
26 Egyptfoɔ+ ne Yudafoɔ+ ne Edomfoɔ+ ne Ammonfoɔ+ ne Moabfoɔ+ ne obiara a ɔte serɛ so a watwitwa n’abɔdwesɛ no,+ mɛbu wɔn nyinaa atɛn, ɛfiri sɛ amanaman nyinaa yɛ momonotofoɔ na Israel fie nyinaa nso yɛ akomam momonotofoɔ.”+