Amos 3:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 ‘Asase so mmusua nyinaa,+ mo nko na menim mo.+ Yei nti na mɛma moabu mo bɔne nyinaa ho akonta no.+ Asomafoɔ Nnwuma 7:51 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 51 “Nnipa a moasene mo kɔn na moyɛ akoma ne aso mu momonotofoɔ,+ berɛ nyinaa moko tia honhom kronkron no; sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ no, saa ara na moyɛ.+ Romafoɔ 2:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 Nokorɛm no, sɛ twetiatwa+ so bɛba mfasoɔ a, ɛsɛ sɛ wodi mmara so;+ nanso sɛ wobu mmara so a, wo twetiatwa+ adane momonoto.+
51 “Nnipa a moasene mo kɔn na moyɛ akoma ne aso mu momonotofoɔ,+ berɛ nyinaa moko tia honhom kronkron no; sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ no, saa ara na moyɛ.+
25 Nokorɛm no, sɛ twetiatwa+ so bɛba mfasoɔ a, ɛsɛ sɛ wodi mmara so;+ nanso sɛ wobu mmara so a, wo twetiatwa+ adane momonoto.+