Amos
3 “O Israelfoɔ, montie asɛm a Yehowa aka afa mo ho yi,+ asɛm a ɛfa abusua mũ a meyii wɔn firii Egypt asase so baeɛ ho yi,+ 2 ‘Asase so mmusua nyinaa,+ mo nko na menim mo.+ Yei nti na mɛma moabu mo bɔne nyinaa ho akonta no.+
3 “‘Nnipa mmienu bɛtumi abom anante berɛ a wɔnyɛɛ nhyehyɛeɛ nhyiaeɛ?+ 4 Gyata bɛbobom wɔ kwaeɛ mu berɛ a ɔnnyaa aboa biara?+ Na gyatanini bɛma ne nne so wɔ n’atenaeɛ berɛ a ɔnkyeree aboa biara? 5 Anomaa bɛtɔ fidie mu wɔ asase so berɛ a wɔnsum no fidie?+ Na fidie hwan kɔ soro berɛ a ɛnyii biribiara? 6 Wɔbɛhyɛne abɛn wɔ kuro mu a nnipa ho rempopo anaa?+ Na mmusuo ba kuro mu a ɛnyɛ Yehowa na ama no aba? 7 Awurade Tumfoɔ Yehowa renyɛ biribi gye sɛ wayi n’atirimusɛm adi akyerɛ ne nkoa adiyifoɔ no ansa.+ 8 Gyata abobom!+ Hwan na ɔrensuro? Awurade Tumfoɔ Yehowa akasa! Hwan na ɔrenhyɛ nkɔm?’+
9 “‘Mommɔ no dawuro wɔ Asdod aban akɛseɛ so ne Egypt+ asase so aban akɛseɛ so sɛ: “Mommoa mo ano nkɔ Samaria+ mmepɔ so na monhwɛ sakasakayɛ ne nsisie a ahyɛ hɔ mã.+ 10 Wɔnnim adetenenee yɛ,+ na wɔkora amumuyɔ+ ne nsisie so wɔ wɔn aban mu.” Yehowa asɛm nie.’
11 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Ɔtamfo bi atwa asase no ho ahyia,+ na ɔbɛbrɛ w’ahoɔden ase na wafom w’aban akɛseɛ no.’+
12 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwim aboa nnyawa mmienu anaa n’aso firi gyata anom no,+ saa ara na wɔbɛhwim Israelfoɔ, wɔn a wɔtete mpa+ fɛfɛ so wɔ Samaria ne Damasko nnaeɛ+ soɔ no.’
13 “‘Montie na monni adanseɛ+ wɔ Yakob fie,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa, asafo Nyankopɔn, asɛm nie. 14 ‘Na da a mɛma Israel abu ne bɔne ho akonta no,+ mɛma Betel afɔrebukyia nso abu akonta;+ na wɔbɛtwitwa mmɛn a ɛwɔ afɔrebukyia no ho no agu fam.+ 15 Na mɛbubu awɔ berɛ mu fie+ ne ahuhuro berɛ mu fie nyinaa.’+
“‘Na afie a wɔde asommɛn ayɛ nyinaa bɛdwiri agu+ na afie pii asɛe koraa,’+ Yehowa asɛm nie.”