Amos
2 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘“Moab+ bɔne a ɛtɔ so mmiɛnsa ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, merentwe nsan, ɛfiri sɛ ɔhyee Edom hene nnompe de yɛɛ akaadoo.+ 2 Na mede gya bɛto Moab mu na ahye Keriot+ aban akɛseɛ no. Na Moab bɛwu wɔ gyegyeegye ne osebɔ ne abɛn nnyegyeeɛ mu.+ 3 Mɛtwa ɔtemmufoɔ afiri mu na makum emu aberempɔn aka ne ho,”+ Yehowa na aka.’
4 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Yuda+ bɔne a ɛtɔ so mmiɛnsa ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, merentwe nsan, ɛfiri sɛ wɔpoo Yehowa mmara,+ na wɔanni n’ahyɛdeɛ so, na wɔn atorɔ+ maa wɔyeraeɛ, atorɔ a wɔn agyanom dii akyire no.+ 5 Na mede gya bɛto Yuda mu na ahye Yerusalem aban akɛseɛ no.’+
6 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Israel+ bɔne a ɛtɔ so mmiɛnsa ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, merentwe nsan, ɛfiri sɛ wɔtɔn ɔteneneeni de gyee dwetɛ, na wɔde ohiani gyee mpaboa boɔ.+ 7 Na wɔn ho pere wɔn sɛ wɔbɛhunu abrɛfoɔ tiri so mfuturo,+ na wɔpia ahobrɛasefoɔ to nkyɛn;+ na obi ne ne papa kɔ ɔbaa korɔ ho+ de gu me din kronkron no ho fĩ.+ 8 Ntoma a ahiafoɔ de asi awowa so na wɔda+ wɔ afɔrebukyia biara ho,+ na nsã a wɔabɔ ebinom ka ama wɔde aba no na wɔnom no wɔn anyame fie.’+
9 “‘Nanso wɔn nti mesɛee Amorini+ a ne tenten te sɛ ntweneduro na ne ho yɛ den te sɛ nnupɔn no,+ na mesɛee ne so aba ne n’ase nhini nyinaa.+ 10 Na meyii mo firii Egypt asase so,+ na memaa monantee serɛ so mfeɛ aduanan+ sɛ mommɛfa Amorini asase.+ 11 Na memaa mo mma no bi bɛyɛɛ adiyifoɔ+ na mo mmeranteɛ bi nso bɛyɛɛ Nasirifoɔ.+ Ɛnyɛ ne kwan so ara nie, Israelfoɔ?’ Yehowa asɛm nie.
12 “‘Nanso momaa Nasirifoɔ no nsã nomeeɛ,+ na mohyɛɛ adiyifoɔ no sɛ: “Monnhyɛ nkɔm.”+ 13 Enti mɛma asase a mogyina soɔ no ahinhim sɛ teaseɛnam a wɔatwa aba foforɔ de ahyɛ no mã. 14 Na ɔhoɔherɛfoɔ rennya baabi nnwane nkɔ,+ na ɔhoɔdenfoɔ tumi bɛsa, na dɔmmarima biara rentumi nnye ne kra.+ 15 Deɛ ɔkura agyan rentumi nnyina, na deɛ ne nan ase yɛ hare rentumi nnwane, na pɔnkɔsotefoɔ rentumi nnye ne kra.+ 16 Na saa da no, nnɔmmarima mu kokoɔdurofoɔ de ne ho kwaterekwa bɛdwane,’+ Yehowa asɛm nie.”