Exodus 23:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 “Sɛ woredi ohiani asɛm a, hwɛ na woannane asɛm no ani.+ Hesekiel 22:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Wɔgye adanmudeɛ hwie mogya gu.+ Wogye nsiho+ ne apempensika,+ na wobɔ wo mfɛfoɔ apoo+ de nya wo ho,+ na me deɛ, wo werɛ afiri me,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. Yoel 3:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Wɔbɔɔ me man so ntonto,+ wɔde abarimaa gyee odwamanfoɔ,+ na wɔde abaayewa tɔɔ bobesa nomeeɛ. Amos 5:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Enti ɛsiane sɛ mogye afuo so toɔ firi ɔbrɛfoɔ hɔ, na mogye ayuo sɛ toɔ firi ne hɔ nti,+ mode aboɔ a wɔapae asisi adan+ nanso morentena mu, moayeyɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ, nanso morennom mu nsã.+ Amos 8:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 na yɛde dwetɛ atɔ abrɛfoɔ, na yɛde mpaboa boɔ atɔ ohiani, na yɛatɔn ayuo wurawura?’+
12 Wɔgye adanmudeɛ hwie mogya gu.+ Wogye nsiho+ ne apempensika,+ na wobɔ wo mfɛfoɔ apoo+ de nya wo ho,+ na me deɛ, wo werɛ afiri me,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
11 Enti ɛsiane sɛ mogye afuo so toɔ firi ɔbrɛfoɔ hɔ, na mogye ayuo sɛ toɔ firi ne hɔ nti,+ mode aboɔ a wɔapae asisi adan+ nanso morentena mu, moayeyɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ, nanso morennom mu nsã.+