Amos
5 “O Israel fie, montie mo ho kwadwom a meretwa yi:+
2 “Ɔbaabunu+ Israel ahwe ase;+
Ɔrentumi nsɔre bio.+
Wɔagya no ato n’asase so;
Na obiara nni hɔ a ɔbɛma ne soɔ.+
3 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Kuro a ɛde apem firi adie no, ɛbɛka ɔha; na deɛ ɛde ɔha firi adie no, ɛbɛka du ama Israel fie.’+
4 “Na deɛ Yehowa aka akyerɛ Israel fie nie, ‘Monhwehwɛ me,+ na monnya nkwa.+ 5 Monnhwehwɛ Betel,+ na monnkɔ Gilgal,+ na monntwam nnkɔ Beer-Seba,+ ɛfiri sɛ Gilgal bɛkɔ nkoasom mu+ na Betel adane abusudeɛ.+ 6 O Yosef fie,+ monhwehwɛ Yehowa na monnya nkwa,+ na wamma mo so sɛ egya,+ na Betel anhye a ɛnnya obi nnum+ no, 7 mo a modane atɛntenenee awɔnwono,+ na moto tenenee gu fam.+ 8 Deɛ ɔyɛɛ Kima+ nsorommakuo ne Kesil+ nsorommakuo,+ deɛ ɔma esum kabii+ dane adekyeeɛ, deɛ ɔma adekyeeɛ yɛ tumm sɛ anadwo,+ deɛ ɔfrɛ po mu nsuo hwie gu asase soɔ+ no—ne din ne Yehowa.+ 9 Ɔno na ɔde ɔsɛeɛ ba ɔhoɔdenfoɔ so sɛ anyinam, na ɔsɛe abandenden.
10 “‘Deɛ ɔyi wɔn ntɛn wɔ kuro pono ano no, wɔtan no;+ na deɛ ɔka nokorɛ no, wɔkyiri no.+ 11 Enti ɛsiane sɛ mogye afuo so toɔ firi ɔbrɛfoɔ hɔ, na mogye ayuo sɛ toɔ firi ne hɔ nti,+ mode aboɔ a wɔapae asisi adan+ nanso morentena mu, moayeyɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ, nanso morennom mu nsã.+ 12 Na menim sɛdeɛ mo mmarato dɔɔso+ ne sɛdeɛ mo bɔne yɛ akɛseɛ fa,+ mo a motan ɔteneneeni,+ na mogye adanmudeɛ,+ na mopia ahiafoɔ to nkyɛn+ wɔ kuro pono ano.+ 13 Enti deɛ ɔwɔ nhunumu bɛyɛ komm saa berɛ no, ɛfiri sɛ ɛbɛyɛ berɛ bɔne.+
14 “‘Monhwehwɛ papa, na ɛnyɛ bɔne,+ na moanya nkwa,+ na Yehowa, asafo Nyankopɔn, ne mo atena, sɛdeɛ moaka no.+ 15 Montan bɔne na monnɔ papa,+ na momma atɛntenenee ntena kuro pono ano.+ Na ebia Yehowa, asafo Nyankopɔn, bɛhu Yosef nkaefoɔ+ no mmɔbɔ.’+
16 “Enti deɛ Yehowa, asafo Yehowa Nyankopɔn, aka nie, ‘Wɔbɛsu yayaaya wɔ mmɔnten so,+ na nnipa bɛteam wɔ mmorɔno nyinaa so sɛ: “Buei! Buei!” Na wɔbɛfrɛ okuafoɔ ama no abɛdi awerɛhoɔ,+ na wɔafrɛ wɔn a wɔtumi twa adwo ama wɔabɛsu.’+ 17 ‘Na nnipa bɛsu wɔ bobe nturo nyinaa mu,+ ɛfiri sɛ mɛsene afa wo mu,’+ Yehowa na aka.
18 “‘Wɔn a wɔn ani agyina Yehowa da no nnue!+ Yehowa da no bɛkyerɛ deɛn ama mo?+ Ɛyɛ sum berɛ na ɛnyɛ hann.+ 19 Ɛte sɛ obi a ɔhunu gyata na ɔdwane, na ɔhyia sisire, anaa ɔduru fie de ne nsa twere fasuo na ɔwɔ ka no.+ 20 Yehowa da no yɛ sum, ɛnyɛ hann; ɛyɛ kusuu na ɛnhyerɛn.+ 21 Metan mo afahyɛ ahodoɔ no na mapo koraa,+ na m’ani nnye mo nhyiamu kronkron no ase hwa ho.+ 22 Na sɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma me a,+ m’ani rennye mo ayɛyɛdeɛ ho,+ na sɛ mode mmoa a wɔadɔ bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ a, merenhwɛ.+ 23 Monyi mo dwom gyegyeegye no mfiri me so, na merentie mo sankudwom no.+ 24 Momma atɛntenenee nworo mmra sɛ nsuo,+ na tenenee ntene sɛ asubɔnten a ɛsene daa.+ 25 O Israel fie, mode afɔrebɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ me serɛ so mfeɛ aduanan no anaa?+ 26 Na mobɛsoa mo hene Sakut+ ne Kaiwan, mo ahoni, mo nsoromma nyame a moyɛeɛ no.+ 27 Na mɛtu mo akɔ Damasko akyi tɔnn,’+ deɛ ne din de Yehowa, asafo Nyankopɔn no, na aka.”+