Amos
6 “Wɔn a wɔte Sion dwoodwoo+ ne wɔn a wɔde wɔn ho to Samaria bepɔ soɔ no nnue! Yeinom ne atitire a wɔfiri amanaman mu odikanfoɔ no mu, na wɔn nkyɛn na Israel fie kɔ. 2 Monkɔ Kalne nkɔhwɛ, na momfiri hɔ nkɔ Hamat+ kɛseɛ, na monsiane nkɔ Filistifoɔ kuro Gat+ mu. Adɛn, wɔyɛ sene ahennie yi, anaasɛ wɔn asase sõ sene mo asase?+ 3 Moayi da bɔne no afiri mo adwenem,+ na moatwe amumuyɔ adwa abɛn anaa?+ 4 Modeda mpa a wɔde asommɛn ayɛ so,+ na moadwodwo mo ho wɔ mo nnaeɛ so, na mowe mo nnwan mu adwennini ne anantwie mma a wɔadɔ sradeɛ;+ 5 moyɛ dwom de gyegye sankuo ho,+ na mo ara moayɛ asankuo te sɛ Dawid;+ 6 monom nsã wɔ nkuruwa akɛseɛ mu,+ na mosra ngo pa,+ nanso Yosef amanehunu no mmɔɔ mo yareɛ.+
7 “Ɛno nti wɔbɛdi wɔn a wɔrekɔ nkoasom mu no kan akɔ nkoasom mu,+ na wɔn a wɔadwodwo wɔn ho no gyegyeegye nyinaa to bɛtwa.
8 “‘Awurade Tumfoɔ Yehowa de ɔno ara ne kra aka ntam,’+ Yehowa, asafo Nyankopɔn, asɛm nie, ‘“Mekyiri Yakob ahantan,+ na metan n’aban akɛseɛ no,+ na mede kuro yi ne deɛ ayɛ mu mã nyinaa bɛma.+ 9 Na sɛ ɛka nnipa du wɔ fie baako mu a, wɔn nso bɛwuwu.+ 10 Na ɔbaako papa nua bɛyi wɔn mmaako mmaako ahye wɔn mmaako mmaako na ama wayi wɔn nnompe afiri fie hɔ.+ Na ɔbɛbisa obi a ɔwɔ pia mu sɛ, ‘Obi foforɔ ka wo ho?’ Na ɔbɛbua sɛ, ‘Obiara nka me ho!’ Na ɔno nso bɛka sɛ, ‘Yɛ komm! Na ɛnyɛ saa berɛ yi na wɔbɔ Yehowa din.’”+
11 “‘Yehowa de ahyɛdeɛ ama,+ na ɔbɛbubu efikɛseɛ no pasaa na wabubu efiketewa no nso asinasini.+
12 “‘Apɔnkɔ bɛtu mmirika wɔ botan so, anaa obi de anantwie bɛfɛntɛm so? Na moadane atɛntenenee+ awuduro, na moadane tenenee aba nso awɔnwono, 13 mo a modi adeɛ a ɛnni hɔ ho ahurisie,+ na moka sɛ: “Ɛnyɛ yɛn ara yɛn ahoɔden na yɛde anya mmɛn yi anaa?”+ 14 Hwɛ, Israel fie, mɛma ɔman+ bi aba mo so, na wɔbɛhyɛ mo so afiri Hamat+ hyeɛ so akɔsi Araba subɔn no ano,’ Yehowa, asafo Nyankopɔn, asɛm nie.”