Amos
7 Yei na Awurade Tumfoɔ Yehowa maa mehunuiɛ; hwɛ, na ɔreboaboa ntutummɛ ano, berɛ a aba a ɛdi akyire no firii aseɛ sɛ ɛreyi ne ti no.+ Yei yɛ berɛ a wɔatwa ɔhene serɛ awie na wɔadua aba a ɛdi akyire no. 2 Na berɛ a wɔwee asase no so afifideɛ wieeɛ no, mekaa sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa, mesrɛ wo, fa firi.+ Yakob bɛyɛ dɛn agyina? Ɔsua!”+
3 Afei Yehowa sesaa n’adwene.+ Na Yehowa kaa sɛ, “Ɛremma saa.”
4 Yei na Awurade Tumfoɔ Yehowa maa mehunuiɛ; hwɛ, Awurade Tumfoɔ Yehowa nam egya so ne ne man redi asie;+ na ɛnonom ebunu kɛseɛ no mu nsuo nyinaa, na ɛhyee asase no. 5 Na mekaa sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa, mesrɛ wo, gyae.+ Yakob bɛyɛ dɛn agyina? Ɔsua!”+
6 Afei Yehowa sesaa n’adwene.+ Na Awurade Tumfoɔ Yehowa kaa sɛ, “Yei nso remma.”
7 Yei na ɔmaa mehunuu bio; hwɛ, na Yehowa gyina fasuo a wɔde prumo+ ato asi hɔ so, na na prumo hyɛ ne nsam. 8 Afei Yehowa bisaa me sɛ: “Amos, ɛdeɛn na wohunu yi?” Ɛnna mebuaa sɛ: “Ɛyɛ prumo.” Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Mede prumo bɛsi me man Israel mfimfini.+ Na merenhu no mmɔbɔ bio.+ 9 Isak sorɔnsorɔmmea+ nyinaa bɛdane amamfõ na Israel kronkronbea+ asɛe;+ na mɛtwe nkrantɛ wɔ Yeroboam fie so.”+
10 Ɛnna Betel+ sɔfoɔ Amasia soma kɔɔ Israel hene Yeroboam+ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Amos apam wo tiri so wɔ Israel fie pɛɛ.+ Asase no ntumi nkora ne nsɛm nyinaa so.+ 11 Amos se, ‘Yeroboam bɛwu nkrantɛ ano; na deɛ ɛbɛyɛ biara Israel bɛfiri n’asase so akɔ nkoasom mu.’”+
12 Na Amasia ka kyerɛɛ Amos sɛ: “Ɔdehunufoɔ,+ dwane kɔ Yuda asase so kɔdidi wɔ hɔ na hyɛ nkɔm wɔ hɔ. 13 Na Betel ha deɛ, nhyɛ nkɔm bio,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ ɔhene kronkronbea+ ne ahennie fie.”
14 Ɛnna Amos ka kyerɛɛ Amasia sɛ: “Ná menyɛ odiyifoɔ anaa odiyifoɔ ba;+ mmom na mehwɛ mmoa+ na mefitifiti sikamɔɔ nnuaba ho nso. 15 Afei Yehowa maa megyaee mmoa no hwɛ, na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me man Israel.’+ 16 Enti afei tie Yehowa asɛm, ‘Woreka sɛ: “Nhyɛ Israel ho nkɔm,+ na nka asɛm biara+ ntia Isak fie” anaa? 17 Enti deɛ Yehowa aka nie: “Wo yere bɛyɛ odwamanfoɔ wɔ kuro no mu.+ Na wo mma mmarima ne wo mma mmaa bɛtotɔ nkrantɛ ano. Na wɔbɛtwe susuhoma ato w’asase so akyɛ afa. Na wo nso, wobɛwu asase a ɛho nteɛ so,+ na Israel bɛfiri n’asase so akɔ nkoasom mu.”’”+