32 Ɛnna Yeroboam hyɛɛ fã bosome a ɛtɔ so nwɔtwe no da a ɛtɔ so dunum no te sɛ fã a wɔhyɛ no Yuda+ no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛbɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia a ɔsii no Betel no so ama anantwie mma a ɔyɛeɛ no; ɔmaa asɔfoɔ a ɔde wɔn sisii hɔ wɔ Betel+ no som wɔ sorɔnsorɔmmea a ɔyɛeɛ no anim.
33 Asɛm yi akyi no, Yeroboam ansan amfiri ne kwammɔne ho, na mmom ɔsan de ɔmanfoɔ no biara kɛkɛ yeyɛɛ asɔfoɔ+ maa sorɔnsorɔmmea no. Obiara a n’ani gye ho no, ɔmaa no tumi,+ na ɔkaa sɛ: “Ma ɔno nso nyɛ sorɔnsorɔmmea sɔfoɔ.”