1 Ahemfo
13 Berɛ a Yeroboam gyina afɔrebukyia+ no ho rehye afɔrebɔdeɛ+ no, Onyankopɔn nipa+ bi nam Yehowa asɛm+ so firi Yuda baa Betel. 2 Ɛnna ɔnam Yehowa asɛm so teaam kyerɛɛ afɔrebukyia no sɛ: “O afɔrebukyia, afɔrebukyia, deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ! Wɔbɛwo ɔbabarima Dawid fie, na wɔbɛfrɛ no Yosia!+ Na ɔde sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ a wɔbɔ wo so afɔdeɛ no bɛbɔ afɔdeɛ wo so, na ɔbɛhye nnipa nnompe wo so.’”+ 3 Na ɔmaa sɛnkyerɛnne+ saa da no sɛ: “Sɛnkyerɛnne a Yehowa aka sɛ ɛbɛsie nie: Hwɛ! Afɔrebukyia no mu bɛpae, na nsõ* a ɛwɔ soɔ no abɔ apete.”
4 Berɛ a ɔhene tee nokorɛ Nyankopɔn nipa no asɛm a ɔka tiaa afɔrebukyia a ɛwɔ Betel no, ntɛm ara na Yeroboam yii ne nsa firii afɔrebukyia no so tenee ne nsa kaa sɛ: “Monkye no!”+ Ɛhɔ ara, ne nsa a ɔde kyerɛɛ ne soɔ no seneeɛ, na wantumi anka anto ne ho.+ 5 Na afɔrebukyia no mu paeeɛ, na nsõ a ɛwɔ afɔrebukyia no soɔ no bɔ petee sɛdeɛ sɛnkyerɛnne a nokorɛ Nyankopɔn nipa no nam Yehowa asɛm so kaeɛ no teɛ.+
6 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa no sɛ: “Mesrɛ wo, pa Yehowa wo Nyankopɔn no kyɛw ma me, na bɔ mpaeɛ ma me na me nsa no nyɛ yie.”+ Na nokorɛ Nyankopɔn nipa no paa Yehowa kyɛw,+ na ɔhene nsa no yɛɛ yie, na ɛyɛɛ sɛdeɛ ɛteɛ kane no.+ 7 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa no sɛ: “Ma yɛnkɔ fie na kɔdidi,+ na menkyɛ wo adeɛ.”+ 8 Nanso nokorɛ Nyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Sɛ wode wo fie fã+ mpo ma me a, me ne wo renkɔ,+ na merennidi na merennom nsuo wɔ ha. 9 Ɛfiri sɛ saa na wɔnam Yehowa asɛm so hyɛɛ me sɛ, ‘Nnidi,+ na nnom nsuo, na ɛkwan a wobɛfa so akorɔ no, nsan mfa so mma.’” 10 Enti ɔsiim faa kwan foforɔ so na wamfa kwan a ɔnam so baa Betel no so.
11 Ná odiyifoɔ akɔkoraa+ bi te Betel, na ne mma kɔkaa deɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa no yɛɛ no Betel saa da no nyinaa kyerɛɛ no, na nsɛm a ɔka kyerɛɛ ɔhene no nso, wɔka kyerɛɛ wɔn papa. 12 Ɛnna wɔn papa bisaa wɔn sɛ: “Ɛhe na ɔfa kɔeɛ?” Na ne mma no kyerɛɛ no kwan a nokorɛ Nyankopɔn nipa a ɔfiri Yuda baeɛ no faa so kɔeɛ. 13 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne mma no sɛ: “Monhyehyɛ afunumu no mma me.” Enti wɔhyehyɛɛ afunumu+ no maa no, na ɔtenaa so kɔeɛ.
14 Ɔtĩĩ nokorɛ Nyankopɔn nipa no kɔtoo no sɛ ɔte dua kɛseɛ no aseɛ.+ Ɛnna ɔbisaa no sɛ: “Wone nokorɛ Nyankopɔn nipa a ɔfiri Yuda baeɛ no?”+ Na ɔbuaa sɛ: “Ɛyɛ me a.” 15 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ma yɛnkɔ fie na kɔdidi.” 16 Nanso ɔkaa sɛ: “Merentumi ne wo nsan nkɔ, na merentumi ne wo nkɔ fie, na merentumi ne wo nnidi nnom nsuo wɔ ha.+ 17 Ɛfiri sɛ saa na wɔnam Yehowa asɛm so hyɛɛ me+ sɛ, ‘Nnidi, na nnom nsuo wɔ hɔ. Ɛkwan a wobɛfa so akorɔ no, nsan mfa so mma.’”+ 18 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me nso meyɛ odiyifoɔ te sɛ wo ara, na ɔbɔfoɔ+ bi nam Yehowa asɛm so aka akyerɛ me sɛ, ‘Ma no nsan ne wo mmra wo fie na ɔmmɛdidi na ɔnnom nsuo.’” (Ɔdaadaa no.)+ 19 Enti ɔsan ne no kɔɔ sɛ ɔrekɔdidi na wanom nsuo wɔ ne fie.+
20 Na ɛbaa sɛ wɔte pono ho no, Yehowa asɛm+ baa odiyifoɔ a ɔkɔsan no baeɛ no nkyɛn; 21 na ɔteaam frɛɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa a ɔfiri Yuda baeɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Sɛ́ woate Yehowa ahyɛdeɛ so atua+ na woanni mmara nsɛm a Yehowa wo Nyankopɔn de maa woɔ no soɔ,+ 22 na woasan w’akyi akɔdidi na woanom nsuo baabi a ɔka kyerɛɛ wo sɛ: “Nnidi, na nnom nsuo wɔ hɔ,” no nti, wo funu renkɔ w’agyanom asieeɛ.’”+
23 Ɛbaa sɛ ɔdidi nom wieeɛ no, ntɛm ara na ɔhyehyɛɛ afunumu maa no, kyerɛ sɛ, odiyifoɔ a ɔde no san baeɛ no. 24 Enti ɔsiim kɔeɛ. Akyire yi gyata+ to hyɛɛ ne so wɔ kwan so kum no,+ na ɔtoo ne funu too kwan no mu. Ná afunumu no gyina ho, na gyata no nso gyina funu no ho. 25 Na nkurɔfoɔ bi bɛtwaam na wɔhunuu funu no sɛ ɛda kwan no mu na gyata no gyina funu no ho. Enti wɔbɛbɔɔ amanneɛ wɔ odiyifoɔ akɔkoraa no kurom hɔ.
26 Berɛ a odiyifoɔ a ɔde no san firi kwan no so baeɛ no tee asɛm no, ɛhɔ ara na ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa a ɔtee Yehowa ahyɛdeɛ so atua no;+ ɛno nti na Yehowa de no maa gyata sɛ ɔnto nhyɛ ne so nku no sɛdeɛ Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ no no teɛ.”+ 27 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne mma no sɛ: “Monhyehyɛ afunumu no mma me.” Na wɔhyehyɛ maa no.+ 28 Ɛnna ɔsiim kɔeɛ na ɔkɔtoo ne funu no sɛ ɛda kwan no mu, na afunumu no ne gyata no gyinagyina funu no ho. Ná gyata no nwee funu no, na ɔnkuu afunumu no nso.+ 29 Na odiyifoɔ no maa nokorɛ Nyankopɔn nipa no funu so de too afunumu no so, na ɔsan de no baeɛ. Enti odiyifoɔ akɔkoraa no de no baa ne kurom sɛ ɔrebɛsu no na wasie no. 30 Na ɔde ne funu no bɛtoo ɔno ara n’asieeɛ, na wɔsuu no+ sɛ: “Due, me nua!” 31 Ɔsiee no wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ ne mma no sɛ: “Sɛ mewu a monsie me asieeɛ a wɔsiee nokorɛ Nyankopɔn nipa no. Ne nnompe ho na momfa me nnompe nguo.+ 32 Na deɛ ɔnam Yehowa asɛm so ka tiaa afɔrebukyia+ a ɛwɔ Betel ne sorɔnsorɔmmea afie+ a ɛwowɔ Samaria nkuro mu+ no, ne nyinaa bɛba mu.”+
33 Asɛm yi akyi no, Yeroboam ansan amfiri ne kwammɔne ho, na mmom ɔsan de ɔmanfoɔ no biara kɛkɛ yeyɛɛ asɔfoɔ+ maa sorɔnsorɔmmea no. Obiara a n’ani gye ho no, ɔmaa no tumi,+ na ɔkaa sɛ: “Ma ɔno nso nyɛ sorɔnsorɔmmea sɔfoɔ.” 34 Na yei bɛyɛɛ Yeroboam fie bɔne+ ne adeɛ a ɛbɛma wɔapepa wɔn na wɔatɔre wɔn ase afiri asase soɔ.+