26 Berɛ a odiyifoɔ a ɔde no san firi kwan no so baeɛ no tee asɛm no, ɛhɔ ara na ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ nokorɛ Nyankopɔn no nipa a ɔbuu Yehowa asɛm so no;+ ɛno nti na Yehowa de no maa gyata sɛ ɔnto nhyɛ ne so nku no, sɛdeɛ Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ no no teɛ.”+