Ahemfo Nwoma a Ɛdi Kan
13 Berɛ a Yeroboam gyina afɔrebukyia no+ ho rehye afɔrebɔdeɛ no, Onyankopɔn nipa bi+ a Yehowa asoma no firi Yuda baa Betel. 2 Ɛnna ɔteaam kaa Yehowa anom asɛm kyerɛɛ afɔrebukyia no sɛ: “O afɔrebukyia, afɔrebukyia! Deɛ Yehowa aka nie: ‘Hwɛ! Wɔbɛwo ɔbabarima wɔ Dawid fie, na wɔbɛfrɛ no Yosia!+ Ɔde sorɔnsorɔmmea* asɔfoɔ a wɔbɔ wo so afɔreɛ no bɛbɔ afɔreɛ wɔ wo so, na ɔbɛhye nnipa nnompe wɔ wo so.’”+ 3 Saa da no, ɔde too dwa sɛ sɛnkyerɛnne* bi bɛsi. Ɔkaa sɛ: “Sɛnkyerɛnne* a Yehowa aka sɛ ɛbɛsi nie: Hwɛ! Afɔrebukyia no mu bɛpae, na emu nsõ* bɛbɔ apete.”
4 Berɛ a Ɔhene Yeroboam tee nokorɛ Nyankopɔn nipa no asɛm a ɔka tiaa Betel afɔrebukyia no, ntɛm ara na Yeroboam yii ne nsa firii afɔrebukyia no so tenee ne nsa kaa sɛ: “Monkye no!”+ Ɛhɔ ara, ne nsa a ɔde kyerɛɛ ne so no senseneeɛ,* na wantumi anka anto ne ho.+ 5 Sɛdeɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa no kaa Yehowa anom asɛm sɛ sɛnkyerɛnne* bi bɛsi no, ampa-ne-ampa ara afɔrebukyia no mu paee, na nsõ a ɛwɔ afɔrebukyia no so no bɔ peteeɛ.
6 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa no sɛ: “Mesrɛ wo, pa Yehowa wo Nyankopɔn kyɛw ma me, na bɔ mpaeɛ ma me, na me nsa no nyɛ yie.”+ Enti nokorɛ Nyankopɔn nipa no paa Yehowa kyɛw, na ɔhene nsa no yɛɛ yie, na ɛyɛɛ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no. 7 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa no sɛ: “Ma yɛnkɔ fie na kɔdidi, na menkyɛ wo adeɛ.” 8 Nanso nokorɛ Nyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Sɛ wode wo fie fã mpo ma me a, me ne wo renkɔ, na merennidi* na merennom nsuo wɔ ha. 9 Ɛfiri sɛ asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ me ne sɛ, ‘Nnidi,* na nnom nsuo, na ɛkwan a wobɛfa so akɔ no, nsan mfa so mma.’” 10 Enti ɔsiim faa ɛkwan foforɔ so, na ɛkwan a ɔnam so baa Betel no, wansan amfa so.
11 Ná odiyifoɔ akɔkoraa bi te Betel, na ne mma kɔɔ fie kɔkaa deɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa no yɛɛ wɔ Betel saa da no nyinaa kyerɛɛ no. Nsɛm a ɔka kyerɛɛ ɔhene no nso, wɔka kyerɛɛ wɔn papa. 12 Ɛnna wɔn papa bisaa wɔn sɛ: “Ɛhe na ɔfa kɔeɛ?” Enti ne mma no kyerɛɛ no ɛkwan a nokorɛ Nyankopɔn no nipa a ɔfiri Yuda baeɛ no faa so kɔeɛ. 13 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne mma no sɛ: “Monhyehyɛ afunumu no mma me.” Enti wɔhyehyɛɛ afunumu no maa no, na ɔtenaa so.
14 Ɔtii nokorɛ Nyankopɔn nipa no kɔtoo no sɛ ɔte dua kɛseɛ bi ase. Ɛnna ɔbisaa no sɛ: “Wone nokorɛ Nyankopɔn no nipa a ɔfiri Yuda baeɛ no?”+ Na ɔbuaa sɛ: “Ɛyɛ me a.” 15 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ma yɛnkɔ fie na kɔdidi.”* 16 Nanso ɔkaa sɛ: “Merentumi ntie wo ne wo nkɔ, na merentumi ne wo nnidi* nnom nsuo wɔ ha. 17 Ɛfiri sɛ asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ me ne sɛ, ‘Nnidi,* na nnom nsuo wɔ hɔ. Ɛkwan a wobɛfa so akɔ no, nsan mfa so mma.’” 18 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me nso meyɛ odiyifoɔ te sɛ wo ara, na ɔbɔfoɔ bi bɛkaa Yehowa anom asɛm kyerɛɛ me sɛ, ‘Ma no nsan ne wo mmra wo fie na ɔmmɛdidi na ɔnnom nsuo.’” (Ɔdaadaa no.) 19 Enti ɔne no kɔɔ sɛ ɔrekɔdidi* na wanom nsuo wɔ ne fie.
20 Berɛ a wɔte pono ho no, Yehowa kasa kyerɛɛ odiyifoɔ akɔkoraa no, 21 na ɔteaam ka kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn no nipa a ɔfiri Yuda baeɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie: ‘Ɛsiane sɛ woabu Yehowa asɛm so na woanni Yehowa wo Nyankopɔn mmara so, 22 na woasan w’akyi akɔdidi* na woanom nsuo wɔ beaeɛ a ɔka kyerɛɛ wo sɛ: “Nnidi,* na nnom nsuo wɔ hɔ” no nti, wo funu renkɔ w’agyanom asieeɛ.’”+
23 Berɛ a nokorɛ Nyankopɔn nipa no didi* nom wieeɛ no, odiyifoɔ akɔkoraa a ɔsan de no baeɛ no hyehyɛɛ afunumu maa no. 24 Enti ɔsiim kɔe, nanso gyata to hyɛɛ ne so wɔ kwan so kum no,+ na na ne funu da kwan no mu. Ná afunumu no gyina funu no ho, na na gyata no nso gyina ho. 25 Nkurɔfoɔ a wɔretwam huu sɛ efunu no da kwan no mu na gyata no gyina ho. Enti wɔbɛbɔɔ amanneɛ wɔ odiyifoɔ akɔkoraa no kurom hɔ.
26 Berɛ a odiyifoɔ a ɔde no san firi kwan no so baeɛ no tee asɛm no, ɛhɔ ara na ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ nokorɛ Nyankopɔn no nipa a ɔbuu Yehowa asɛm so no;+ ɛno nti na Yehowa de no maa gyata sɛ ɔnto nhyɛ ne so nku no, sɛdeɛ Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ no no teɛ.”+ 27 Afei ɔka kyerɛɛ ne mma no sɛ: “Monhyehyɛ afunumu no mma me.” Na wɔhyehyɛ maa no. 28 Ɔsiim kɔe, na ɔkɔhuu sɛ funu no da kwan no mu, na afunumu no ne gyata no gyinagyina ho. Ná gyata no nwee funu no, na afunumu no nso, na gyata no nyɛɛ no hwee. 29 Odiyifoɔ no maa nokorɛ Nyankopɔn nipa no funu so de too afunumu no so, na ɔsan de no baa ne kurom sɛ ɔrebɛsu no na wasie no. 30 Enti ɔde ne funu no bɛtoo ɔno ara n’asieeɛ, na wɔsuu no sɛ: “Due, me nua!” 31 Ɔsiee no wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ ne mma no sɛ: “Sɛ mewu a, monsie me wɔ asieeɛ a wɔsiee nokorɛ Nyankopɔn nipa no. Ne nnompe ho na momfa me nnompe ngu.+ 32 Yehowa asɛm a ɔnam ne so ka tiaa afɔrebukyia a ɛwɔ Betel ne Samaria nkuro mu abosom adan a ɛwowɔ sorɔnsorɔmmea no,+ ne nyinaa bɛba mu.”+
33 Asɛm yi akyi mpo, Yeroboam ansan amfiri ne kwammɔne ho; mmom ɔkɔɔ so yii ɔmanfoɔ no mu biara kɛkɛ yɛɛ wɔn sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ.+ Obiara a n’ani gye ho no, ɔmaa no yɛɛ sɔfoɔ,* na ɔkaa sɛ: “Ma ɔno nso nyɛ sorɔnsorɔmmea sɔfoɔ.”+ 34 Bɔne a ɛkɔɔ so wɔ Yeroboam fie+ yi de ɔsɛeɛ baa wɔn so maa wɔtɔree wɔn ase firii asaase so.+