Ahemfo Nwoma a Ɛdi Kan
12 Rehoboam kɔɔ Sekem. Ná Israelfoɔ nyinaa aba Sekem+ sɛ wɔrebɛsi no hene.+ 2 Nebat ba Yeroboam tee deɛ asi. (Saa berɛ no, Ɔhene Solomon nti, na wadwane akɔtena Egypt.)+ 3 Ɛnna wɔsoma kɔfrɛɛ no baeɛ. Ɛno akyi no, Yeroboam ne Israel asafo no nyinaa baa Rehoboam nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: 4 “Wo papa maa yɛn kɔndua yɛɛ duru.+ Sɛ woma adwuma denden a wo papa maa yɛyɛeɛ ne kɔndua duruduro a ɔde too yɛn so no mu yɛ hare a, yɛbɛsom wo.”
5 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ, na ɛdi nnansa a, monsan mmra.” Enti nkurɔfoɔ no firii n’anim kɔeɛ.+ 6 Afei Ɔhene Rehoboam ne mpanimfoɔ a ne papa Solomon te ase no na wɔsom no no kɔtuu agyina sɛ: “Afotuo bɛn na mowɔ ma me na menhunu deɛ mɛka akyerɛ nkurɔfoɔ no?” 7 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ ɛnnɛ wopene so sɛ wobɛsom nkurɔfoɔ yi ayɛ wɔn abisadeɛ ama wɔn, na woka asɛmpa kyerɛ wɔn a, ɛnneɛ wɔbɛsom wo daa.”
8 Nanso wamfa mpanimfoɔ no afotuo no; mmom ɔne mmeranteɛ a ɔne wɔn sii so a na wɔabɛyɛ n’asomfoɔ no kɔtuu agyina.+ 9 Ɔbisaa wɔn sɛ: “Afotuo bɛn na mowɔ ma me na yɛahunu deɛ yɛbɛka akyerɛ nkurɔfoɔ no? Asɛm a wɔde baeɛ ne sɛ, ‘Ma kɔndua duruduro a wo papa de too yɛn so no mu nyɛ hare.’” 10 Ɛnna mmeranteɛ a ɔne wɔn sii so no ka kyerɛɛ no sɛ: “Nkurɔfoɔ a wɔka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Wo papa maa yɛn kɔndua yɛɛ duru, na wo deɛ, ma emu nyɛ hare mma yɛn’ no, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Me nsateaa ketewa mpo bɛyɛ kɛseɛ asene me papa sisi. 11 Me papa de kɔndua a emu yɛ duru soaa mo, na me deɛ, mɛma emu ayɛ duru asene saa. Me papa de abaa* na ɛhwee mo, na me deɛ, mede abaa a nkasɛɛ wɔ ho na ɛbɛhwe mo.’”
12 Sɛdeɛ Rehoboam kaa sɛ, “Monkɔ, na ɛdi nnansa a monsan mmra” no, Yeroboam ne nkurɔfoɔ no nyinaa baa ɔhene nkyɛn ne nnansa so.+ 13 Nanso ɔhene ne wɔn ankasa abodwoɔ so; wamfa mpanimfoɔ no afotuo a wɔde maa no no. 14 Sɛdeɛ mmeranteɛ no tuu no fo no, saa ara na ɔne ɔman no kasaeɛ. Ɔkaa sɛ: “Me papa maa mo kɔndua yɛɛ duru, nanso me deɛ, mede bi bɛka mo kɔndua no ho. Me papa de abaa na ɛhwee mo, na me deɛ, mede abaa a nkasɛɛ wɔ ho na ɛbɛhwe mo.” 15 Enti ɔhene antie nkurɔfoɔ no; Yehowa na ɔmaa no baa saa,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a asɛm a Yehowa nam Siloni Ahiya so ka kyerɛɛ+ Nebat ba Yeroboam no bɛba mu.
16 Berɛ a Israel nyinaa huu sɛ ɔhene no antie wɔn no, wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɛdeɛn na yɛne Dawid wɔ yɛ? Yɛrennya hwee mpo mfiri ne hɔ. Ma Yese ba no mfa n’agyapadeɛ. Israelfoɔ ee, obiara nkɔ ne nyame nkyɛn! Afei Dawid, wo ara hwɛ wo fie.” Ɛnna Israelfoɔ nyinaa kɔɔ wɔn afie mu.*+ 17 Nanso Israelfoɔ a wɔtete Yuda nkuro mu no deɛ, Rehoboam kɔɔ so dii wɔn so.+
18 Ɛno akyi no, Ɔhene Rehoboam somaa Adoram+ a ɔhwɛ apaafoɔ so no, nanso Israelfoɔ nyinaa sii no aboɔ kum no. Ɔhene Rehoboam deɛ, ɔtumi foro kɔtenaa ne teaseɛnam mu dwane kɔɔ Yerusalem.+ 19 Atua a Israelfoɔ tee+ no Dawid fie so no, atoa so abɛsi nnɛ.
20 Berɛ a Israelfoɔ nyinaa tee sɛ Yeroboam asan aba no, ntɛm ara na wɔsoma kɔfrɛɛ no baa asafo no anim, na wɔsii no hene wɔ Israel nyinaa so.+ Obiara anni Dawid fie akyi bio, gye Yuda abusuakuo no.+
21 Berɛ a Rehoboam bɛduruu Yerusalem no, ntɛm ara na ɔboaboaa Yuda fie ne Benyamin abusuakuo mu akatakyie a wɔnim ko* nyinaa ano sɛ wɔne Israel fie rekɔko na wɔasan adane ahennie no ama Solomon ba Rehoboam; ná wɔyɛ akatakyie 180,000.+ 22 Ɛnna nokorɛ Nyankopɔn no ka kyerɛɛ ne diyifoɔ* Semaia+ sɛ: 23 “Ka kyerɛ Solomon ba Rehoboam a ɔyɛ Yuda hene no, ne Yuda fie nyinaa, ne Benyamin abusuakuo, ne ɔman no nyinaa sɛ, 24 ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Monhwɛ na mo ne mo nuanom Israelfoɔ no ankɔko. Obiara nsan nkɔ ne fie, na me na mama no aba saa.”’”+ Enti wɔtiee Yehowa asɛm, na wɔsan kɔɔ wɔn afie sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no.
25 Afei Yeroboam san kyekyeree Sekem*+ wɔ Efraim mmepɔ so, na ɔtenaa hɔ. Ɔfirii hɔ san kɔkyekyeree Penuel.+ 26 Yeroboam kaa no n’akomam sɛ: “Anhwɛ a ahennie no bɛsan akɔdi Dawid fiefoɔ nsam.+ 27 Sɛ ɔmanfoɔ yi toa so kɔ Yerusalem kɔbɔ afɔreɛ wɔ Yehowa fie hɔ a,+ wɔn akoma bɛsan adane akɔdi wɔn wura, Yuda hene Rehoboam akyi; wɔbɛku me mpo, na wɔasan akɔdi Yuda hene Rehoboam akyi.” 28 Enti ɔhene ne ne nkurɔfoɔ tuu agyina, na ɔyɛɛ sika anantwie mma mmienu,+ ɛnna ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Ɛyɛ den dodo sɛ mobɛkɔ Yerusalem. Israelfoɔ, mo Nyankopɔn a ɔyii mo firii Egypt asaase so no nie.”+ 29 Ɔde baako sii Betel,+ na ɔde baako a aka no nso sii Dan.+ 30 Wei maa wɔyɛɛ bɔne,+ na Dan a ɛwɔ akyirikyiri no mpo, ɔman no kɔsom ɛhɔ deɛ no.
31 Na ɔsisii abosom adan wɔ sorɔnsorɔmmea,* na ɔyii ɔmanfoɔ a wɔnyɛ Lewifoɔ yɛɛ wɔn asɔfoɔ.+ 32 Afei nso, Yeroboam maa wɔfirii aseɛ dii afahyɛ wɔ bosome a ɛtɔ so nwɔtwe no da a ɛtɔ so 15 no mu, te sɛ afahyɛ a wɔdi wɔ Yuda no.+ Afɔrebukyia a ɔsii no Betel no,+ ɔbɔɔ afɔreɛ wɔ so maa anantwie mma a ɔyɛeɛ no, na ɔmaa asɔfoɔ a ɔyii wɔn no som wɔ sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Betel no. 33 Enti bosome a ɛtɔ so nwɔtwe no da a ɛtɔ so 15 no, ɔfirii aseɛ bɔɔ afɔreɛ wɔ afɔrebukyia a ɔsii no Betel no so; saa bosome no, ɔno ara na ɔyiiɛ. Ɔmaa Israelfoɔ dii afahyɛ, na ɔforo kɔbɔɔ afɔreɛ wɔ afɔrebukyia no so.