1 Ahemfo
12 Rehoboam+ siim kɔɔ Sekem, na Sekem+ na Israel nyinaa ba bɛsii no hene. 2 Na ɛbaa sɛ berɛ a Nebat ba Yeroboam+ wɔ Egypt a ɔtee deɛ asie no, (saa berɛ no, Ɔhene Solomon nti, na Yeroboam adwane akɔtena Egypt),+ ntɛm ara, 3 wɔsoma kɔfrɛɛ no baeɛ. Ɛno akyi no, Yeroboam ne Israel asafo no nyinaa ba bɛka kyerɛɛ Rehoboam sɛ:+ 4 “Wo papa maa yɛn kɔndua yɛɛ duru; wo deɛ, ma adwuma denden a wo papa maa yɛyɛeɛ ne ne kɔndua duruduro+ a ɔde too yɛn soɔ no mu nyɛ hare,+ na yɛbɛsom wo.”+
5 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ, na nnansa akyi monsan mmra m’anim.”+ Na nkurɔfoɔ no firii n’anim kɔeɛ. 6 Ɔhene Rehoboam ne mpanimfoɔ a ne papa Solomon te aseɛ no na wɔtu no foɔ no kɔtuu agyina+ sɛ: “Afotuo bɛn na mowɔ ma me na mede akɔbua nkurɔfoɔ no?”+ 7 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ ɛnnɛ wobɛyɛ akoa ama nkurɔfoɔ yi na woasom wɔn+ a, ɛnneɛ wo ne wɔn nkasa na fa asɛmpa bua wɔn,+ na wɔn nso bɛsom wo daa.”+
8 Nanso wamfa mpanimfoɔ no afotuo a wɔde maa no no, na mmom ɔne mmeranteɛ a ɔne wɔn sii soɔ+ a wɔtu no foɔ+ no kɔtuu agyina. 9 Na ɔbisaa wɔn sɛ: “Afotuo bɛn na mowɔ ma me+ na mede akɔbua nkurɔfoɔ a wɔkaa sɛ, ‘Ma kɔndua duruduro a wo papa de too yɛn soɔ no mu nyɛ hare’ no?”+ 10 Ɛnna mmeranteɛ a ɔne wɔn sii soɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Nkurɔfoɔ a wɔka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Wo papa maa yɛn kɔndua yɛɛ duru; na wo deɛ, ma emu nyɛ hare mma yɛn’ no, sei na ka kyerɛ wɔn,+ ‘Me nsateaa ketewa mpo mu bɛyɛ duru asene me papa sisi.+ 11 Na sɛ me papa de kɔndua a emu yɛ duro soaa mo a, me deɛ, mede bi bɛka mo kɔndua no ho.+ Sɛ me papa de mpire na ɛhwee mo a, me deɛ, mede nkasɛɛ mpire na ɛbɛhwe mo.’”+
12 Sɛdeɛ Rehoboam kaa sɛ, “Monkɔ, na nnansa akyi monsan mmra”+ no, Yeroboam ne nkurɔfoɔ no nyinaa baa ɔhene nkyɛn ne nnansa soɔ. 13 Na ɔhene ne nkurɔfoɔ no ankasa abodwoɔ so,+ na wamfa mpanimfoɔ afotuo a wɔde maa no no.+ 14 Sɛdeɛ mmeranteɛ no tuu no foɔ no, saa na ɔne wɔn kasaa+ sɛ: “Sɛ me papa maa mo kɔndua yɛɛ duru a, me deɛ, mede bi bɛka mo kɔndua no ho. Sɛ me papa de mpire na ɛhwee mo a, me deɛ, mede nkasɛɛ mpire na ɛbɛhwe mo.”+ 15 Enti ɔhene antie nkurɔfoɔ no;+ Yehowa na ɔmaa no baa saa+ na ama asɛm a Yehowa nam Siloni Ahiya+ so ka kyerɛɛ Nebat ba Yeroboam no aba mu.+
16 Israel nyinaa hunuu sɛ ɔhene antie wɔn, enti wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɛdeɛn na yɛne Dawid wɔ yɛ?+ Yɛnni agyapadeɛ biara wɔ Yese ba no mu. Israelfoɔ, obiara nkɔ ne nyame nkyɛn!+ Afei Dawid, wo ara hwɛ wo fie.”+ Ɛnna Israelfoɔ kokɔɔ wɔn ntomadan mu. 17 Israelfoɔ a wɔtete Yuda nkuro mu no deɛ, Rehoboam kɔɔ so dii wɔn so.+
18 Ɛno akyi no, Ɔhene Rehoboam somaa Adoram+ a ɔhwɛ apaafoɔ soɔ+ no, nanso Israelfoɔ nyinaa sii no aboɔ+ kuu no. Ɔhene Rehoboam deɛ, ɔbɔɔ mmɔden foro kɔtenaa teaseɛnam no mu dwane kɔɔ Yerusalem. 19 Atua a Israelfoɔ tee+ no Dawid fie soɔ no, wɔannyae de bɛsi nnɛ.+
20 Na ɛbaa sɛ berɛ a Israelfoɔ nyinaa tee sɛ Yeroboam asan aba no, ntɛm ara na wɔsoma kɔfrɛɛ no baa asafo no anim, na wɔsii no Israel nyinaa so hene.+ Obiara anni Dawid fie akyi bio, gye Yuda abusuakuo no nko ara.+
21 Berɛ a Rehoboam bɛduruu Yerusalem+ no, ntɛm ara na ɔboaboaa Yuda fie ne Benyamin+ abusuakuo mu nnɔmmarima a wɔayi wɔn, mpem ɔha aduɔwɔtwe, ano sɛ wɔne Israel fie rekɔko na wɔasan adane ahennie no ama Solomon ba Rehoboam. 22 Ɛnna nokorɛ Nyankopɔn asɛm baa Onyankopɔn nipa+ Semaia+ nkyɛn sɛ: 23 “Ka kyerɛ Solomon ba Rehoboam, Yuda hene, ne Yuda ne Benyamin fie nyinaa, ne ɔman no nkaeɛ sɛ, 24 ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Mo ne mo nuanom Israelfoɔ no nnkɔko.+ Obiara nsan nkɔ ne fie, na me na mama asɛm yi aba saa.”’”+ Enti wɔtiee Yehowa asɛm,+ na wɔsan kɔɔ wɔn afie, sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no.+
25 Na Yeroboam san kyekyeree Sekem+ wɔ Efraim mmepɔ so, na ɔtenaa hɔ. Afei ɔfirii hɔ san kɔkyekyeree Penuel.+ 26 Ɛnna Yeroboam kaa no n’akomam+ sɛ: “Anhwɛ a, ahennie no bɛsan akɔdi Dawid fiefoɔ nsam.+ 27 Sɛ ɔmanfoɔ yi firi kɔ Yerusalem berɛ nyinaa kɔbɔ afɔdeɛ wɔ Yehowa fie hɔ+ a, wɔn akoma bɛsan adane akɔdi wɔn wura, Yuda hene Rehoboam akyi; wɔbɛku me+ na wɔasan akɔdi Yuda hene Rehoboam akyi.” 28 Enti ɔhene tuu agyina,+ na ɔyɛɛ sika anantwie mma+ mmienu, na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Ɛyɛ den dodo sɛ mobɛkɔ Yerusalem. Israelfoɔ, mo Nyankopɔn a ɔyii mo firii Egypt asase soɔ+ no nie.”+ 29 Na ɔde baako sii Betel,+ na ɔde baako a aka no nso sii Dan.+ 30 Yei maa wɔyɛɛ bɔne,+ na ɔman no kɔsom deɛ ɛwɔ Dan no anim.
31 Na ɔyeyɛɛ sorɔnsorɔmmea afie,+ na ɔyiyii ɔmanfoɔ a wɔnyɛ Lewi asefoɔ no bi hyɛɛ wɔn asɔfoɔ.+ 32 Ɛnna Yeroboam hyɛɛ fã bosome a ɛtɔ so nwɔtwe no da a ɛtɔ so dunum no te sɛ fã a wɔhyɛ no Yuda+ no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛbɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia a ɔsii no Betel no so ama anantwie mma a ɔyɛeɛ no; ɔmaa asɔfoɔ a ɔde wɔn sisii hɔ wɔ Betel+ no som wɔ sorɔnsorɔmmea a ɔyɛeɛ no anim. 33 Enti ɔfirii aseɛ bɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia a ɔsii no Betel no so, bosome a ɛtɔ so nwɔtwe no da a ɛtɔ so dunum no, bosome a ɔno ara bɔɔ ne tirim de sii hɔ+ no; ɔhyɛɛ fã maa Israelfoɔ, na ɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so de bɔɔ afɔdeɛ.+