30 Nanso Hesbon hene Sihon amma yɛamfa n’asase so, ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn maa no senee ne kɔn na ɔpirim n’akoma,+ na ama no de no ahyɛ mo nsa sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.+
15 Enti ɔhene antie nkurɔfoɔ no; nokorɛ Nyankopɔn na ɔmaa no baa saa+ na ama asɛm+ a Yehowa nam Siloni+ Ahiya+ so ka kyerɛɛ Nebat ba Yeroboam no aba mu.+
7 Nanso Onyankopɔn+ na ɔmaa Ahasia asehweɛ+ baeɛ berɛ a ɔkɔɔ Yehoram nkyɛn no. Ɔduruu hɔ no, ɔne Yehoram kɔɔ+ Nimsi+ banana Yehu+ a Yehowa asra+ no sɛ ɔntɔre Ahab fie ase+ no nkyɛn.