2 Berɛsosɛm
10 Rehoboam+ siim kɔɔ Sekem,+ na Sekem na Israelfoɔ nyinaa ba bɛsii no hene. 2 Na ɛbaa sɛ berɛ a Nebat ba Yeroboam+ wɔ Egypt+ a ɔtee deɛ asie no, (saa berɛ no, Ɔhene Solomon nti, na wadwane kɔ hɔ), ntɛm ara na Yeroboam firi Egypt san baeɛ.+ 3 Enti wɔsoma kɔfrɛɛ no baeɛ, na Yeroboam ne Israel nyinaa ba bɛka kyerɛɛ Rehoboam sɛ:+ 4 “Wo papa maa yɛn kɔndua yɛɛ duru;+ wo deɛ, ma adwuma denden a wo papa maa yɛyɛeɛ ne kɔndua duruduro+ a ɔde too yɛn soɔ no mu nyɛ hare, na yɛbɛsom wo.”+
5 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ, na nnansa akyi monsan mmra.” Na nkurɔfoɔ no firii n’anim kɔeɛ. 6 Ɔhene Rehoboam ne mpanimfoɔ a ne papa Solomon te aseɛ no na wɔtu no foɔ no kɔtuu agyina+ sɛ: “Afotuo bɛn na mowɔ ma me na mede akɔbua nkurɔfoɔ no?”+ 7 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wo ne nkurɔfoɔ yi di no yie, yɛ deɛ ɛbɛsɔ wɔn ani, na woka asɛm pa kyerɛ wɔn+ a, ɛnneɛ wɔn nso bɛsom wo daa.”+
8 Nanso wamfa mpanimfoɔ no afotuo+ a wɔde maa no no, na mmom ɔne mmeranteɛ a ɔne wɔn sii soɔ+ a wɔtu no foɔ+ no kɔtuu agyina. 9 Na ɔbisaa wɔn sɛ: “Afotuo bɛn na mowɔ ma me+ na mede akɔbua nkurɔfoɔ a wɔkaa sɛ, ‘Ma kɔndua duruduro a wo papa de too yɛn soɔ no mu nyɛ hare’ no?”+ 10 Ɛnna mmeranteɛ a ɔne wɔn sii soɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Nkurɔfoɔ a wɔka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Wo papa maa yɛn kɔndua yɛɛ duru; na wo deɛ, ma emu nyɛ hare mma yɛn’ no, sei na ka kyerɛ wɔn,+ ‘Me nsateaa ketewa mpo mu bɛyɛ duru asene me papa sisi.+ 11 Na sɛ me papa de kɔndua a emu yɛ duro soaa mo a, me deɛ, mede bi bɛka mo kɔndua no ho.+ Sɛ me papa de mpire na ɛhwee mo a, me deɛ, mede nkasɛɛ mpire na ɛbɛhwe mo.’”+
12 Sɛdeɛ Rehoboam kaa sɛ “Monkɔ, na nnansa akyi monsan mmra”+ no, Yeroboam ne nkurɔfoɔ no nyinaa baa ɔhene nkyɛn ne nnansa soɔ. 13 Na ɔhene ne wɔn ankasa abodwoɔ so.+ Enti Ɔhene Rehoboam amfa mpanimfoɔ+ afotuo+ no, 14 na sɛdeɛ mmeranteɛ no tuu no foɔ no,+ saa na ɔne wɔn kasaa sɛ: “Mo kɔndua no, me deɛ, mede bi bɛka ho ama emu ayɛ duru asene kane no. Sɛ me papa de mpire na ɛhwee mo a, me deɛ, mede nkasɛɛ mpire na ɛbɛhwe mo.”+ 15 Enti ɔhene antie nkurɔfoɔ no; nokorɛ Nyankopɔn na ɔmaa no baa saa+ na ama asɛm+ a Yehowa nam Siloni+ Ahiya+ so ka kyerɛɛ Nebat ba Yeroboam no aba mu.+
16 Ɛsiane sɛ ɔhene no antie Israel nti, wɔn nyinaa ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: “Ɛdeɛn na yɛne Dawid wɔ yɛ?+ Yɛnni agyapadeɛ biara wɔ Yese ba+ no mu. Israelfoɔ, obiara nkɔ ne nyame nkyɛn!+ Afei Dawid, wo ara hwɛ wo fie.”+ Ɛnna Israelfoɔ nyinaa kokɔɔ wɔn ntomadan mu.
17 Israelfoɔ a wɔtete Yuda nkuro mu no deɛ, Rehoboam kɔɔ so dii wɔn so.+
18 Ɛno akyi no, Ɔhene Rehoboam somaa Hadoram+ a ɔhwɛ apaafoɔ soɔ no, nanso Israelfoɔ sii no aboɔ+ kuu no. Ɔhene Rehoboam deɛ, ɔbɔɔ mmɔden foro kɔtenaa ne teaseɛnam mu dwane kɔɔ Yerusalem.+ 19 Atua a Israelfoɔ tee+ no Dawid fie so no, wɔannyae de bɛsi nnɛ.