Mmebusɛm 12:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Onipa a ɔbue n’ano nyansa mu na wɔbɛyi no ayɛ,+ na deɛ n’akoma akyea deɛ, wɔbɛbu no animtia.+ Mmebusɛm 15:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Mmuaeɛ bɔkɔɔ ma abufuo twa,+ na asɛm a ɛyɛ ya hyɛ abufuo.+ Ɔsɛnkafoɔ 10:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Sɛ ɔhene honhom sɔre tia wo a, mfiri wo gyinabea,+ na ɔdwoɔ ma bɔne akɛseɛ ano brɛ ase.+ Sakaria 1:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Ɛnna Yehowa de anigyesɛm ne awerɛkyekyesɛm buaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no.+