2 Berɛsosɛm
11 Berɛ a Rehoboam bɛduruu Yerusalem+ no, ntɛm ara na ɔboaboaa Yuda ne Benyamin+ fie nnɔmmarima a wɔayi wɔn, mpem ɔha aduɔwɔtwe,+ ano sɛ wɔne Israel rekɔko na wɔasan adane ahennie no ama Rehoboam. 2 Ɛnna Yehowa asɛm baa nokorɛ Nyankopɔn nipa Semaia+ nkyɛn sɛ: 3 “Ka kyerɛ Solomon ba Rehoboam, Yuda hene,+ ne Israelfoɔ a wɔwɔ Yuda ne Benyamin nyinaa sɛ, 4 ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Mo ne mo nuanom nnkɔko.+ Obiara nsan nkɔ ne fie, na me na mama asɛm yi aba saa.”’”+ Enti wɔtiee Yehowa asɛm, na wɔne Yeroboam ankɔko.+
5 Na Rehoboam tenaa Yerusalem, na ɔkyekyeree nkuro a ɛyɛ den wɔ Yuda. 6 Nkuro a ɔkyekyereeɛ nie: Betlehem,+ Etam,+ ne Tekoa,+ 7 Bet-Sur,+ Soko,+ ne Adulam,+ 8 Gat,+ Maresa,+ ne Sif,+ 9 Adoraim, Lakis,+ ne Aseka,+ 10 Sora,+ Ayalon,+ ne Hebron,+ nkuro a ɛyɛ den a ɛwɔ Yuda ne Benyamin nsase soɔ. 11 Afei nso ɔhyehyɛɛ nkuro no den,+ na ɔde mpanimfoɔ+ sisii ano, na ɔsisii aduane ne ngo ne nsã adekora adan wɔ hɔ, 12 na ɔde akyɛm akɛseɛ+ ne mpea+ guu nkuro a aka no nyinaa nso mu; ɔmaa nkuro no yɛɛ den paa. Na Yuda ne Benyamin deɛ, na wɔda so wɔ n’afã.
13 Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔwɔ Israel nyinaa firi wɔn nkuro mu bɛgyinaa n’akyi. 14 Lewifoɔ no gyaa wɔn mfikyisase+ ne wɔn agyapadeɛ,+ na wɔbaa Yuda ne Yerusalem+ ɛfiri sɛ na Yeroboam+ ne ne mma apamo wɔn+ sɛ wɔnnni Yehowa asɔfoɔ bio. 15 Na ɔhyehyɛɛ n’asɔfoɔ maa sorɔnsorɔmmea+ no ne adaemone mmirekyie*+ ne anantwie mma a wayɛ no.+ 16 Na wɔn akyi no, wɔn a wɔde wɔn akoma maa sɛ wɔbɛhwehwɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no firii Israel mmusuakuo nyinaa mu baa Yerusalem+ sɛ wɔrebɛbɔ afɔdeɛ+ ama Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn no. 17 Wɔgyinaa Solomon ba Rehoboam akyi mfeɛ mmiɛnsa, na wɔmaa Yuda ahennie yɛɛ den,+ ɛfiri sɛ wɔnantee Dawid ne Solomon kwan so mfeɛ mmiɛnsa.+
18 Na Rehoboam waree Mahalat a ɔyɛ Dawid ba Yerimot babaa. Ná Yerimot yere ne Mahalat maame Abihail a ɔyɛ Yese ba Eliab+ no ba. 19 Ɔwoo Yeus, Semaria, ne Saham maa no. 20 Na ɛno akyi no, ɔwaree Absalom+ banana Maaka,+ na ɔwoo Abia,+ Atai, Sisa, ne Selomit maa no. 21 Rehoboam dɔɔ Absalom banana Maaka senee ne yerenom+ ne n’ayefam a wɔaka no nyinaa; ɔwaree yerenom dunwɔtwe ne ayefam aduosia, na ɔwoo mma mmarima aduonu nwɔtwe ne mma mmaa aduosia. 22 Na Rehoboam de Maaka ba Abia dii ne nuanom anim yɛɛ no wɔn so panin, ɛfiri sɛ na ɛwɔ ne tirim sɛ ɔbɛsi no hene. 23 Nanso ɔdii no nyansam,+ na ɔde ne mma no bi nso totoo Yuda ne Benyamin+ nsase nyinaa ano, nkuro a wɔagye ho ban+ no, na ɔmaa wɔn nnuane pii,+ na ɔwarewaree yerenom bebree memaa wɔn.+