2 Berɛsosɛm
12 Berɛ a Rehoboam ahennie timiiɛ+ na ɔyɛɛ den no, ɔgyaa Yehowa mmara,+ na Israel nyinaa+ nso kaa ne ho. 2 Na Ɔhene Rehoboam+ ahennie afe a ɛtɔ so nnum mu no, Egypt hene Sisak+ baa Yerusalem so (ɛfiri sɛ wɔanni Yehowa nokorɛ),+ 3 na ɔde nteaseɛnam+ apem ahanu ne apɔnkɔsotefoɔ mpem aduosia na ɛbaeɛ; nnipa a wɔne no firi Egypt baeɛ no deɛ, wɔn dodoɔ nti, wɔantumi ankan wɔn+—Libiafoɔ+ ne Sukiyimfoɔ ne Etiopiafoɔ.+ 4 Na ɔfaa Yuda nkuro a ɛyɛ den+ no, na ɔbaeɛ ara bɛduruu Yerusalem.+
5 Ɛnna odiyifoɔ Semaia+ baa Rehoboam ne Yuda mpanimfoɔ a Sisak nti wɔaboaboa wɔn ano wɔ Yerusalem no nkyɛn, na ɔbɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Mo deɛ, moagya me,+ na me nso, magya mo+ ahyɛ Sisak nsa.’” 6 Ɛnna Israel mpanimfoɔ ne ɔhene no brɛɛ wɔn ho aseɛ,+ na wɔkaa sɛ: “Yehowa tene.”+ 7 Na Yehowa hunuu+ sɛ wɔabrɛ wɔn ho aseɛ no, Yehowa asɛm baa Semaia+ nkyɛn sɛ: “Wɔabrɛ wɔn ho ase,+ enti merensɛe wɔn, na ɛyɛ kakra a mɛma wɔafiri mu afi, na m’abufuo remfa Sisak nsa so nhwie ngu Yerusalem so.+ 8 Nanso wɔbɛyɛ ne nkoa+ na wɔahunu nsonsonoeɛ a ɛwɔ me som+ ne nsase no so ahennie som mu.”+
9 Enti Egypt hene Sisak+ baa Yerusalem so, na ɔfaa Yehowa fie akoradeɛ+ ne ahemfie hɔ akoradeɛ+ no. Ɔfaa biribiara; ɔfaa sika akyɛm a Solomon yɛeɛ no+ nso. 10 Ɛno nti Ɔhene Rehoboam yɛɛ kɔbere akyɛm de sii ananmu, na ɔde hyɛɛ ammirikatufoɔ+ a wɔwɛn+ ahemfie pono ano+ no mpanimfoɔ nsa. 11 Na berɛ biara a ɔhene bɛba Yehowa fie hɔ no, ammirikatufoɔ no ba bɛsesa, na wɔsan de kɔ awɛmfoɔ dan no mu.+ 12 Ɛsiane sɛ ɔhene brɛɛ ne ho aseɛ nti, Yehowa abufuo firii ne so,+ na wampɛ sɛ ɔsɛe wɔn pasaa.+ Afei nso, ɔhunuu adepa wɔ Yuda.+
13 Na Ɔhene Rehoboam maa ne tumi yɛɛ den Yerusalem, na ɔtoaa so dii adeɛ. Rehoboam+ bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduanan baako, na ɔdii adeɛ mfeɛ dunson wɔ Yerusalem, Israel mmusuakuo no nyinaa kuro+ a Yehowa yii sɛ ne din ntena hɔ+ no. Ne maame din de Naama+ a ɔyɛ Ammonni.+ 14 Nanso ɔhene no yɛɛ bɔne,+ ɛfiri sɛ wanyɛ n’adwene sɛ ɔde n’akoma nyinaa bɛhwehwɛ Yehowa.+
15 Rehoboam ho nsɛm nyinaa, ne mfitiaseɛ kɔsi n’awieeɛ,+ wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ odiyifoɔ Semaia+ ne ɔdehunufoɔ Ido+ nsɛm a wɔahyehyɛ no mu. Na akodie bɛdaa Rehoboam+ ne Yeroboam+ ntam wɔn nna nyinaa. 16 Na Rehoboam ne n’agyanom kɔdaeɛ,+ na wɔsiee no Dawid Kuro+ mu, na ne ba Abia+ bɛdii n’adeɛ.