9 Egyptfoɔ no tĩĩ wɔn, na Farao nteaseɛnam ne n’apɔnkɔ ne n’apɔnkɔsotefoɔ+ ne n’asraafoɔdɔm nyinaa bɛn wɔn pɛɛ; saa berɛ no na Israelfoɔ no asoɛ ɛpo no ho, wɔ Pihahirot, Baal-Sefon anim.+
29 Na wɔtɔɔ nteaseɛnam a wɔde firi Egypt baeɛ no biara nnwetɛbena ahansia, na wɔtɔɔ pɔnkɔ biara nso nnwetɛbena ɔha aduonum. Saa na Hitifoɔ+ ahemfo ne Siria ahemfo yɛeɛ. Wɔnam adwadifoɔ no so na ɛkraeɛ.