Exodus
14 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ wɔnsan wɔn akyi mmɛsoɛ Pihahirot anim, Migdol ne po no ntam. Na wɔmfa wɔn ani nkyerɛ Baal-Sefon+ wɔ po no ho. 3 Na Farao bɛka sɛ, ‘Israelfoɔ no ayera ama wɔn ani so atan wɔn asase no so. Ɛserɛ no aka wɔn ahyem.’+ 4 Na mɛma Farao akoma apirim+ na ɔbɛtĩ wɔn, na mede Farao ne n’asraafoɔdɔm bɛhyɛ me ho animuonyam+ na Egyptfoɔ ahunu sɛ mene Yehowa.”+ Enti wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.
5 Akyire yi Egypt hene tee sɛ nkurɔfoɔ no adwane. Ɛhɔ ara na Farao ne ne nkoa sesãã wɔn adwene wɔ Israelfoɔ no ho,+ na wɔkaa sɛ: “Ɛdeɛn koraa na yɛayɛ yi? Yɛama Israelfoɔ kɔ yi, hwan na ɔbɛsom+ yɛn?” 6 Enti ɔhyehyɛɛ ne nteaseɛnam, na ɔfaa ne dɔm kaa ne ho.+ 7 Ɔfaa ne nteaseɛnam+ atitire no ahansia, na ɔde Egypt nteaseɛnam a aka nyinaa kaa ho, na ɔyii akofoɔ a wɔbɛtena ebiara mu. 8 Na Yehowa maa Egypt hene Farao pirim n’akoma,+ enti berɛ a Israelfoɔ no de ahosɛpɛ*+ rekɔ no, ɔtĩĩ wɔn. 9 Egyptfoɔ no tĩĩ wɔn, na Farao nteaseɛnam ne n’apɔnkɔ ne n’apɔnkɔsotefoɔ+ ne n’asraafoɔdɔm nyinaa bɛn wɔn pɛɛ; saa berɛ no na Israelfoɔ no asoɛ ɛpo no ho, wɔ Pihahirot, Baal-Sefon anim.+
10 Berɛ a Farao bɛnee wɔn na Israelfoɔ no maa wɔn ani so hunuu sɛ Egyptfoɔ no di wɔn akyi no, wɔbɔɔ hu kɛse na wɔfirii aseɛ su frɛɛ Yehowa.+ 11 Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Asieeɛ biara nni Egypt nti na wode yɛn aba sɛ yɛmmɛwuwu ɛserɛ so ha yi?+ Adɛn nti koraa na woyii yɛn firii Egypt baa ha? 12 Yɛanka ankyerɛ wo wɔ Egypt sɛ, ‘Gyae ma yɛnsom Egyptfoɔ no’? Anka ɛyɛ sɛ yɛbɛsom Egyptfoɔ no mmom sene sɛ yɛbɛwuwu ɛserɛ soɔ.”+ 13 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Monnsuro.+ Monnyina pintinn na monhwɛ sɛdeɛ Yehowa bɛgye mo nkwa nnɛ.+ Na Egyptfoɔ a mohunu wɔn nnɛ yi, morenhunu wɔn bio da.+ 14 Mo deɛ, monyɛ komm nhwɛ, na Yehowa no ara bɛko ama mo.”+
15 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Adɛn nti na wosu frɛ me?+ Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ wɔntoa wɔn akwantuo no so. 16 Na fa wo poma+ no kyerɛ po no so ma emu mpae,+ na Israelfoɔ no nnante asase kesee so mfa po no mfimfini.+ 17 Na mɛma Egyptfoɔ no apirim wɔn akoma+ na wɔatĩ Israelfoɔ no, na mede Farao ne n’asraafoɔdɔm, ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ bɛhyɛ me ho animuonyam.+ 18 Na sɛ mede Farao ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ hyɛ me ho animuonyam a, Egyptfoɔ no bɛhunu sɛ mene Yehowa.”+
19 Na nokorɛ Nyankopɔn bɔfoɔ+ a na ɔdi Israel asafo no anim no bɛdii wɔn akyi, na mununkum dum no nso firii wɔn anim bɛdii wɔn akyi.+ 20 Enti ɛbɛdii Egyptfoɔ asafo ne Israelfoɔ dɔm ntam.+ Ɛfã bi no na ɛyɛ mununkum ne sum, na ɛfã nohoa nso, na ɛma hann anadwo.+ Na Egyptfoɔ no anto Israelfoɔ no anadwo no nyinaa.
21 Afei Mose de ne poma no kyerɛɛ po no so+ na Yehowa maa apueeɛ mframa denden bɔɔ anadwo no nyinaa, na ɛpiaa nsuo no kɔɔ akyire maa ɛpo no ase danee asase kesee.+ Na nsuo no mu paee mmienu.+ 22 Akyire yi, Israelfoɔ no faa asase kesee so wɔ po no mfimfini,+ na nsuo no bɛyɛɛ fasuo wɔn nifa ne wɔn benkum.+ 23 Na Egyptfoɔ nyinaa, Farao apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ nyinaa, tĩĩ wɔn+ kɔduruu po no mfimfini. 24 Ɛduruu ahemadakye no Yehowa firi egya ne mununkum dum+ no mu hwɛɛ Egyptfoɔ dɔm no na ɔmaa wɔn ani so tanee wɔn.+ 25 Afei ɔtutuu wɔn nteaseɛnam no nan na ɛyɛɛ den maa wɔn sɛ wɔbɛkɔ,+ na Egyptfoɔ no kaa sɛ: “Momma yɛnnwane mfiri Israelfoɔ no anim, ɛfiri sɛ Yehowa ne Egyptfoɔ reko ama wɔn.”+
26 Akyire yi Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Tene wo nsa wɔ po no so+ na nsuo no mmu mfa Egyptfoɔ ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔsotefoɔ nyinaa so.” 27 Ɛhɔ ara na Mose tenee ne nsa ɛpo no soɔ, na ɛrekɔ anɔpa no, nsuo no san baa baabi a na ɛwɔ. Afei Egyptfoɔ no firii aseɛ sɛ wɔredwane, nanso Yehowa kaa wɔn guu po no mfimfini.+ 28 Enti nsuo no baeɛ+ ara bɛkataa Farao nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ ne n’asraafoɔdɔm a wɔtĩĩ Israelfoɔ kɔɔ po no mu nyinaa so.+ Wɔn mu baako mpo anka.+
29 Nanso Israelfoɔ no faa asase kesee no so wɔ po no mfimfini,+ na nsuo no yɛɛ sɛ fasuo wɔn nifa ne wɔn benkum.+ 30 Enti saa da no Yehowa gyee Israel firii Egyptfoɔ no nsam,+ na Israel hunuu sɛ Egyptfoɔ no awuwu gu po no ano.+ 31 Berɛ a Israelfoɔ hunuu nsa kɛseɛ a Yehowa de adwerɛ Egyptfoɔ no, ɔman no suroo Yehowa, na wɔgyee Yehowa ne n’akoa Mose diiɛ.+