Exodus 14:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Monnsuro.+ Monnyina pintinn na monhwɛ sɛdeɛ Yehowa bɛgye mo nkwa nnɛ.+ Na Egyptfoɔ a mohunu wɔn nnɛ yi, morenhunu wɔn bio da.+ Dwom 106:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Nsuo no twi faa wɔn atamfo no so;+Wɔn mu baako mpo anka.+ Dwom 136:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Deɛ ɔkaa Farao ne n’asraafoɔdɔm guu Po Kɔkɔɔ no mu no:+Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa;+
13 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Monnsuro.+ Monnyina pintinn na monhwɛ sɛdeɛ Yehowa bɛgye mo nkwa nnɛ.+ Na Egyptfoɔ a mohunu wɔn nnɛ yi, morenhunu wɔn bio da.+