Exodus
14 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ wɔnsan wɔn akyi mmɛsoɛ wɔ Pihahirot anim, Migdol ne ɛpo no ntam.+ Na wɔmfa wɔn ani nkyerɛ Baal-Sefon wɔ ɛpo no ho. 3 Na Farao bɛka sɛ, ‘Israelfoɔ no ayera ama wɔn ani so atan wɔn wɔ asaase no so. Wɔnnya baabiara mfa wɔ serɛ no so.’ 4 Mɛma kwan ama Farao akoma apirim+ na ɔbɛti wɔn, na mede Farao ne n’asraafoɔdɔm bɛhyɛ me ho animuonyam,+ na deɛ ɛteɛ biara Egyptfoɔ bɛhu sɛ mene Yehowa.”+ Enti wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.
5 Akyire yi, Egypt hene tee sɛ nkurɔfoɔ no adwane. Ɛhɔ ara na Farao ne ne nkoa sesaa wɔn adwene wɔ Israelfoɔ no ho,+ na wɔkaa sɛ: “Ɛdeɛn koraa na yɛayɛ yi? Israelfoɔ a yɛama wɔkɔ yi, hwan na ɔbɛsom yɛn?” 6 Enti ɔhyehyɛɛ ne nteaseɛnam, na ɔfaa ne dɔm kaa ne ho.+ 7 Ɔfaa nteaseɛnam atitire 600, na ɔde Egypt nteaseɛnam a aka nyinaa kaa ho, na ɔyii akofoɔ a wɔbɛtena emu biara mu. 8 Na Yehowa maa kwan maa Egypt hene Farao pirim n’akoma, enti berɛ a Israelfoɔ no de akokoɔduro* rekɔ no,+ ɔtii wɔn. 9 Egyptfoɔ no tii wɔn,+ na Farao nteaseɛnam, n’apɔnkɔ, ne nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so, ne n’asraafoɔdɔm nyinaa bɛn wɔn pɛɛ; saa berɛ no, na Israelfoɔ no asoɛ wɔ ɛpo no ho wɔ Pihahirot a ɛne Baal-Sefon di nhwɛanimu no.
10 Berɛ a Farao bɛn Israelfoɔ no, wɔmaa wɔn ani so huu sɛ Egyptfoɔ no di wɔn akyi. Ɛbaa saa no, Israelfoɔ no bɔɔ hu na wɔfirii aseɛ su frɛɛ Yehowa.+ 11 Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Asieeɛ biara nni Egypt nti na wode yɛn aba sɛ yɛmmɛwuwu wɔ serɛ so ha yi?+ Adɛn nti koraa na woyii yɛn firii Egypt baa ha? 12 Yɛanka ankyerɛ wo wɔ Egypt sɛ, ‘Gyae ma yɛnsom Egyptfoɔ no’? Anka ɛyɛ sɛ yɛbɛsom Egyptfoɔ no mmom sene sɛ yɛbɛwuwu wɔ serɛ so.”+ 13 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Monnsuro.+ Monnyina pintinn na monhwɛ sɛdeɛ nnɛ Yehowa bɛgye mo nkwa.+ Na Egyptfoɔ a mohu wɔn nnɛ yi, morenhu wɔn bio da.+ 14 Mo deɛ, monyɛ komm nhwɛ, na Yehowa ankasa bɛko ama mo.”+
15 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Adɛn nti na wosu frɛ me? Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ wɔntoa akwantuo no so. 16 Wo deɛ, fa wo poma no kyerɛ ɛpo no so, na emu bɛpae ama Israelfoɔ no anante asaase kesee so wɔ ɛpo no mfimfini. 17 Na me deɛ, mɛma kwan ama Egyptfoɔ no apirim wɔn akoma na wɔati Israelfoɔ no, na mede Farao, n’asraafoɔdɔm, ne nteaseɛnam, ne ne nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so bɛhyɛ me ho animuonyam.+ 18 Na sɛ mede Farao, ne nteaseɛnam, ne ne nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so hyɛ me ho animuonyam a, Egyptfoɔ no bɛhu sɛ mene Yehowa.”+
19 Afei nokorɛ Nyankopɔn no bɔfoɔ+ a na ɔdi Israel asafo no anim no bɛdii wɔn akyi, na mununkum dum no nso firii wɔn anim bɛdii wɔn akyi.+ 20 Enti ɛbɛhyɛɛ Egyptfoɔ dɔm ne Israel asafo no mfimfini.+ Ɛfã baako no, na ɛyɛ mununkum tumm, na ɛfã foforɔ no nso maa hann anadwo no.+ Enti Egyptfoɔ no anto Israelfoɔ no anadwo no nyinaa.
21 Afei Mose de ne poma no kyerɛɛ ɛpo no so+ na Yehowa maa apueeɛ mframa denden bɔɔ anadwo no nyinaa, na ɛpiaa nsuo no kɔɔ akyire maa ɛpo no ase danee asaase kesee.+ Na nsuo no mu paee mmienu.+ 22 Enti Israelfoɔ no faa asaase a awoɔ no so wɔ ɛpo no mfimfini,+ na nsuo no yɛɛ fasuo wɔ wɔn nifa ne wɔn benkum.+ 23 Egyptfoɔ no, Farao apɔnkɔ, ne nteaseɛnam, ne ne nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so no nyinaa tii wɔn kɔduruu ɛpo no mfimfini.+ 24 Ɛduruu ahomakye no,* Yehowa firi egya ne mununkum dum+ no mu hwɛɛ Egyptfoɔ dɔm no na ɔmaa wɔn ani so tan wɔn. 25 Afei ɔtutuu wɔn nteaseɛnam no nan na ɛyɛɛ den maa wɔn sɛ wɔbɛkɔ, na Egyptfoɔ no kaa sɛ: “Momma yɛnnwane mfiri Israelfoɔ no anim, ɛfiri sɛ Israelfoɔ nti Yehowa ne Egyptfoɔ reko.”+
26 Ɛno akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Tene wo nsa wɔ ɛpo no so na nsuo no mmu mfa Egyptfoɔ, wɔn nteaseɛnam, ne wɔn nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so no so.” 27 Ɛhɔ ara na Mose tenee ne nsa wɔ ɛpo no so, na adeɛ rekye no, nsuo no san baa baabi a na ɛwɔ. Afei Egyptfoɔ no yɛɛ sɛ wɔredwane, nanso Yehowa kaa wɔn guu ɛpo no mfimfini.+ 28 Enti Farao nteaseɛnam, ne nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so, ne n’asraafoɔdɔm a wɔtii Israelfoɔ kɔɔ ɛpo no mu nyinaa, nsuo no bɛkataa wɔn so.+ Wɔn mu baako mpo anka.+
29 Nanso Israelfoɔ no faa asaase kesee so wɔ ɛpo no mfimfini,+ na nsuo no yɛɛ fasuo wɔ wɔn nifa ne wɔn benkum.+ 30 Enti saa da no Yehowa gyee Israelfoɔ firii Egyptfoɔ no nsam,+ na Israelfoɔ huu sɛ Egyptfoɔ no awuwu gu ɛpo no ano. 31 Berɛ a Israelfoɔ hunuu tumi* kɛseɛ a Yehowa de ko tiaa Egyptfoɔ no, ɛmaa wɔfirii aseɛ suroo Yehowa, na wɔgyee Yehowa ne n’akoa Mose diiɛ.+