Exodus 14:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Enti saa da no Yehowa gyee Israelfoɔ firii Egyptfoɔ no nsam,+ na Israelfoɔ huu sɛ Egyptfoɔ no awuwu gu ɛpo no ano. Exodus 15:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Nsuo no bu faa wɔn so; wɔkɔɔ aseɛ tɔnn te sɛ boɔ.+ Dwom 136:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Ɔkaa Farao ne n’asraafoɔdɔm guu Ɛpo Kɔkɔɔ no mu,+Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.
30 Enti saa da no Yehowa gyee Israelfoɔ firii Egyptfoɔ no nsam,+ na Israelfoɔ huu sɛ Egyptfoɔ no awuwu gu ɛpo no ano.