-
Exodus 14:27, 28Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
27 Ɛhɔ ara na Mose tenee ne nsa wɔ ɛpo no so, na adeɛ rekye no, nsuo no san baa baabi a na ɛwɔ. Afei Egyptfoɔ no yɛɛ sɛ wɔredwane, nanso Yehowa kaa wɔn guu ɛpo no mfimfini.+ 28 Enti Farao nteaseɛnam, ne nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so, ne n’asraafoɔdɔm a wɔtii Israelfoɔ kɔɔ ɛpo no mu nyinaa, nsuo no bɛkataa wɔn so.+ Wɔn mu baako mpo anka.+
-