Exodus
15 Saa berɛ no, Mose ne Israelfoɔ too dwom yi de kamfoo Yehowa sɛ:+
“Mɛto dwom ama Yehowa, ɛfiri sɛ n’animuonyam ayɛ kɛse.+
Pɔnkɔ ne deɛ ɔte ne so nyinaa, waka wɔn agu ɛpo mu.+
2 Yah* ne m’ahoɔden ne me tumi, ɛfiri sɛ ɔno ne me nkwagyeɛ.+
Me Nyankopɔn nie, mɛyi no ayɛ;+ Onyankopɔn a me papa som no no nie,+ mɛkamfo no.+
3 Yehowa yɛ ɛko mu katakyie.+ Ne din ne Yehowa.+
4 Farao nteaseɛnam ne n’asraafoɔdɔm nyinaa, waka wɔn agu ɛpo mu,+
N’akofoɔ a wɔyɛ akatakyie paa no amem wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mu.+
5 Nsuo no bu faa wɔn so; wɔkɔɔ aseɛ tɔnn te sɛ boɔ.+
7 W’animuonyam kɛseɛ mu na wode wɔn a wɔsɔre tia wo no hwe fam;+
Wosoma w’abufuhyeɛ, na ɛhye wɔn sɛ serɛ.
8 Mframa a ɛfiri wo hwene mu kaa nsuo boaa ano;
Ɛgyinaa dinn, na nsuo a ayiri no ammu amfa so;
Nsuo a ɛrebu fa so no yɛɛ te sɛ nsukyenee wɔ ɛpo no mfimfini.
9 Ɔtamfo no kaa sɛ: ‘Mɛti wɔn; mɛto wɔn!
Mɛkyɛ wɔn ho nneɛma akɔsi sɛ m’akoma bɛtɔ me yam!*
Mɛtwe me sekan! Me nsa bɛdi wɔn so nkonim!’+
11 O Yehowa, anyame no mu hwan na ɔte sɛ wo?+
Hwan na ɔte sɛ wo, wo a wo kronkronyɛ nni ano?+
Wo na ɛsɛ sɛ wɔsuro wo na wɔde nnwom yi wo ayɛ; wo na woyɛ anwanwadeɛ.+
12 Wotenee wo nsa nifa, na asaase menee wɔn.+
13 Wo dɔ a ɛnni hwammɔ nti, wodii ɔman a woagye wɔn no anim;+
Wode wo tumi bɛkyerɛ wɔn kwan akɔ wo tenabea kronkron hɔ.
Na Kaanan nyinaa akoma bɛtu.+
16 Ehu bɛma wɔn ho awoso biribiribiri.+
Wo basa kɛseɛ no nti wɔrenkeka wɔn ho; wɔbɛyɛ te sɛ boɔ
Kɔsi sɛ wo, Yehowa, wo man bɛtwam,
17 Wode wɔn bɛba na woabɛdua wɔn wo bepɔ so,+ w’agyapadeɛ so,
Faako a wo, Yehowa, woasiesie sɛ wobɛtena,
Tenabea kronkron a wo, Yehowa, wode wo nsa ayɛ no.
19 Berɛ a Farao apɔnkɔ, ne nteaseɛnam, ne ne nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so no kɔɔ ɛpo no mu no,+
Yehowa maa ɛpo no bɛkataa wɔn so,+
Nanso Israelfoɔ no deɛ, wɔfaa asaase kesee so wɔ ɛpo no mfimfini.”+
20 Ɛnna odiyifoɔbaa Miriam a ɔyɛ Aaron nua no faa mpintin kuraeɛ, na mmaa no nyinaa de mpintin ne asa dii n’akyi. 21 Na Miriam gyee mmarima no so sɛ:
“Monto dwom mma Yehowa, ɛfiri sɛ n’animuonyam ayɛ kɛse.+
Pɔnkɔ ne deɛ ɔte ne so nyinaa, waka wɔn agu ɛpo mu.”+
22 Akyire yi, Mose dii Israelfoɔ no anim maa wɔfirii Ɛpo Kɔkɔɔ no ho kɔɔ Sur serɛ so, na wɔtwaa kwan nnansa wɔ serɛ no so, nanso wɔannya nsuo. 23 Wɔbɛduruu Mara,*+ nanso na ɛhɔ nsuo no yɛ nwono, enti wɔantumi annom. Ɛno nti na ɔfrɛɛ hɔ Mara no. 24 Ɛnna nkurɔfoɔ no firii aseɛ nwiinwii tiaa Mose sɛ:+ “Ɛdeɛn na yɛbɛnom?” 25 Enti ɔsu frɛɛ Yehowa,+ na Yehowa kyerɛɛ no dua bi. Berɛ a ɔde too nsuo no mu no, ɛyɛɛ dɛ.
Ɛhɔ na Onyankopɔn maa wɔn ahyɛdeɛ ne atemmusɛm, na ɛhɔ na ɔsɔɔ wɔn hwɛeɛ.+ 26 Ɔkaa sɛ: “Sɛ wowɛn w’aso tie Yehowa wo Nyankopɔn na woyɛ deɛ ɛtene wɔ n’ani so, na wotie ne mmara, na wodi n’ahyɛdeɛ nyinaa so a,+ nyarewa a mede baa Egyptfoɔ so no, meremfa emu biara mma wo so,+ ɛfiri sɛ me Yehowa na meresa wo yareɛ.”+
27 Ɛno akyi no, wɔbɛduruu Elim, na na asutire 12 ne mmɛdua 70 wɔ hɔ. Enti wɔsoɛɛ nsuo no ho.