Exodus
16 Berɛ a wɔtu firii Elim no, akyire yi Israel asafo no nyinaa baa Sin serɛ+ a ɛwɔ Elim ne Sinai ntam no so. Ɛyɛ berɛ a wɔfirii Egypt asaase so no akyi bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so 15.
2 Afei Israel asafo no nyinaa firii aseɛ nwiinwii tiaa Mose ne Aaron wɔ serɛ no so.+ 3 Israelfoɔ no dwan wɔn ho sɛ: “Sɛ ɛyɛ berɛ a yɛwɔ Egypt asaase so tena kwansɛn ho we nam,+ na yɛdi paanoo mee no mpo na Yehowa kunkum yɛn a, anka yɛpɛ. Seesei mode yɛn aba serɛ yi so sɛ ɛkɔm nkunkum asafo mu yi nyinaa.+
4 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mɛma aduane atɔ afiri soro ama mo,+ na da biara obiara mpue nkɔfa deɛ ɛbɛso no da koro,+ na mede bɛsɔ wɔn ahwɛ sɛ wɔbɛdi me mmara so anaa wɔrenni so.+ 5 Nanso da a ɛtɔ so nsia no+ deɛ, deɛ wɔfa daa no, wɔmfa no mmɔho+ na wɔnsiesie.”
6 Enti Mose ne Aaron ka kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa sɛ: “Anwummerɛ mobɛhu sɛ Yehowa na ɔyii mo firii Egypt asaase so ampa.+ 7 Anɔpa mobɛhu Yehowa animuonyam, ɛfiri sɛ Yehowa ate anwiinwii a monwiinwii tia no no. Yɛn deɛ, yɛne hwan a monwiinwii tia yɛn?” 8 Mose toaa so sɛ: “Sɛ anwummerɛ Yehowa ma mo nam we na anɔpa nso ɔma mo aduane di mee a, ɛno na mobɛhu sɛ Yehowa ate anwiinwii a monwiinwii tia no no. Yɛn deɛ yɛne hwan? Yehowa na monwiinwii tia no, na ɛnyɛ yɛn.”+
9 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Ka kyerɛ Israel asafo no sɛ, ‘Mommra Yehowa anim, ɛfiri sɛ wate mo anwiinwii no.’”+ 10 Berɛ a Aaron kasa kyerɛɛ Israel asafo no nyinaa wieeɛ no, Israelfoɔ no danee wɔn ani kyerɛɛ serɛ no so. Wɔnkɔhwɛ a, Yehowa animuonyam na apue wɔ mununkum mu yi.+
11 Yehowa ne Mose san kasaa sɛ: 12 “Mate Israelfoɔ anwiinwii no.+ Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Anwummerɛ* mobɛwe nam, na anɔpa moadi aduane amee,+ na mobɛhu sɛ ampa mene Yehowa mo Nyankopɔn.’”+
13 Na ɛduruu anwummerɛ no, mmoko* bɛhyɛɛ asoɛeɛ hɔ ma,+ na anɔpa no bosuo bɛkataa asoɛeɛ no ho nyinaa hyiaeɛ. 14 Berɛ a bosuo no woeɛ no, wɔhuu sɛ adeɛ nketenkete bi gugu serɛ no so+ te sɛ asukɔtweaa. 15 Berɛ a Israelfoɔ no hunuiɛ no, wɔbisabisaa wɔn ho sɛ: “Ɛdeɛn nie?” Ná wɔnnim ade korɔ. Enti Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛyɛ aduane a Yehowa de ama mo sɛ monni.+ 16 Ahyɛdeɛ a Yehowa de ama mo ne sɛ, ‘Obiara mfa dodoɔ a ɔbɛtumi adi. Monhwɛ nnipa* a wɔwɔ mo ntomadan mu na monhunu dodoɔ a mobɛfa, obiara mfa omer*+ baako.’” 17 Israelfoɔ no yɛɛ saa; ebinom faa pii na ebinom nso faa kakraa bi. 18 Sɛ wɔde omer susu a, deɛ ɔfaa pii no annya ammoro so, na deɛ ɔfaa kakraa bi no nso deɛ soo no.+ Obiara faa deɛ ɔbɛtumi adi.
19 Afei Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnsɛ sɛ obiara gya bi ma adeɛ kye so.”+ 20 Nanso wɔantie Mose. Ebinom gyaa bi maa adeɛ kyee so, na ɛdɔree mmoaa maa no bɔnee, enti Mose bo fuu wɔn. 21 Anɔpa biara obiara kɔfa deɛ ɔbɛtumi adi. Na sɛ awia ano yɛ den a, na anane.
22 Da a ɛtɔ so nsia no, wɔfaa aduane no mmɔho mmienu,+ obiara faa omer mmienu. Enti Israel mpanimfoɔ nyinaa bɛbɔɔ Mose amanneɛ. 23 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Deɛ Yehowa aka nie: Ɔkyena yɛ homeda, homeda kronkron ma Yehowa.+ Deɛ mobɛtõ no montõ, na deɛ mobɛnoa nso monnoa.+ Na deɛ ɛbɛka no, momfa nsie nkɔsi anɔpa.” 24 Enti wɔde sie kɔsii anɔpa, sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ wɔn no, na ammɔn na annɔre mmoaa nso. 25 Ɛnna Mose kaa sɛ: “Monni no nnɛ, ɛfiri sɛ ɛnnɛ yɛ homeda ma Yehowa. Ɛnnɛ deɛ, mokɔ a morennya bi wɔ serɛ no so. 26 Nnansia na mobɛsesa, na da a ɛtɔ so nson no deɛ, ebi rentɔ, ɛfiri sɛ ɛyɛ Homeda.”+ 27 Da a ɛtɔ so nson no, ebinom kɔɔ sɛ wɔrekɔfa bi, nanso wɔannya bi.
28 Ɛnna Yehowa bisaa Mose sɛ: “Mobɛbu m’ahyɛdeɛ ne me mmara so akɔsi da bɛn?+ 29 Monkae sɛ Yehowa ama mo Homeda.+ Ɛno nti na da a ɛtɔ so nsia no wama mo aduane a mobɛdi no nnanu no. Enti da a ɛtɔ so nson no, obiara ntena baabi a ɔwɔ; mma no nkɔ baabiara.” 30 Enti da a ɛtɔ so nson no, ɔman no dii Homeda.*+
31 Israelfoɔ frɛɛ aduane no “mana.”* Ɛte sɛ aba fitaa ketewa bi, na ne dɛ te sɛ keeki a ɛwoɔ wom.+ 32 Afei Mose kaa sɛ: “Yehowa aka sɛ, ‘Monhyɛ omer ma na monkora so wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhu aduane a mede maa mo dii wɔ serɛ so berɛ a meyii mo firii Egypt asaase so no.’” 33 Enti Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Fa ahina na hyɛ mana omer baako gu mu na fa si Yehowa anim, na monkora so wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.”+ 34 Sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, Aaron de kɔsii Adanseɛ Adaka*+ no anim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛkora so. 35 Israelfoɔ no dii mana mfeɛ 40+ kɔsii sɛ wɔduruu asaase a nkurɔfoɔ te so so.+ Mana na wɔdi kɔsii sɛ wɔduruu Kaanan hyeɛ so.+ 36 Ná omer yɛ efa susudeɛ nkyɛmu du mu baako.*