Exodus
16 Akyire yi wɔtu firii Elim,+ na Israel asafo no nyinaa baa Sin+ serɛ a ɛda Elim ne Sinai ntam no so. Ɛno yɛ berɛ a wɔfirii Egypt no akyi bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so dunum.
2 Afei Israel asafo no nyinaa firii aseɛ nwiinwii tiaa Mose ne Aaron wɔ serɛ no so.+ 3 Na Israelfoɔ no kaa sɛ: “Sɛ Yehowa kunkum+ yɛn wɔ Egypt asase so berɛ a yɛredidi na yɛte kwansɛn ho rewe nam+ mpo a, anka ɛyɛ sene sɛ mode yɛn aba ɛserɛ yi soɔ sɛ ɛkɔm mmɛkunkum asafo mũ yi nyinaa.”+
4 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mɛma aduane atɔ afiri soro ama mo,+ na obiara mfiri adi nkɔfa deɛ ɛbɛso no da koro,+ na mede bɛsɔ wɔn ahwɛ sɛ wɔbɛdi me mmara so anaa wɔrenni so.+ 5 Na da a ɛtɔ so nsia+ no wɔmfa deɛ wɔfa daa no mmɔho mmienu+ na wɔnsiesie.”
6 Enti Mose ne Aaron ka kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa sɛ: “Anwummerɛ mobɛhunu sɛ Yehowa na ɔyii mo firii Egypt asase soɔ.+ 7 Na anɔpa mobɛhunu Yehowa animuonyam,+ ɛfiri sɛ Yehowa ate anwiinwii a monwiinwii tia no no. Na yɛn deɛ, yɛne hwan a monwiinwii tia yɛn?” 8 Mose toaa so sɛ: “Anwummerɛ Yehowa bɛma mo nam awe na anɔpa nso wama mo aduane adi amee, ɛfiri sɛ Yehowa ate anwiinwii a monwiinwii tia no no. Yɛn deɛ yɛyɛ deɛn? Yehowa na monwiinwii tia no na ɛnyɛ yɛn.”+
9 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Ka kyerɛ Israel asafo no sɛ, ‘Mommra Yehowa anim, ɛfiri sɛ wate mo anwiinwii no.’”+ 10 Berɛ a Aaron kasa kyerɛɛ Israel asafo no nyinaa wieeɛ no, wɔdanee wɔn ani kyerɛɛ serɛ no so, na Yehowa animuonyam puee mununkum no mu.+
11 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 12 “Mate Israelfoɔ anwiinwii no,+ na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Anwummerɛ mobɛwe nam na anɔpa moadi aduane amee,+ na mobɛhunu sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn.’”+
13 Ɛduruu anwummerɛ no nkokɔhwedeɛ+ baeɛ bɛkataa nsraban no so, na anɔpa no bosuo bɛkataa nsraban+ no ho nyinaa hyiaeɛ. 14 Akyire yi bosuo no kɔeɛ; afei na adeɛ nketenkete+ bi gugu serɛ no so te sɛ asukɔtweaa.+ 15 Berɛ a Israelfoɔ no hunuiɛ no, wɔbisabisaa wɔn ho sɛ: “Ɛdeɛn nie?” Ná wɔnnim adekorɔ. Enti Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛyɛ aduane a Yehowa de ama mo sɛ monnie.+ 16 Ahyɛdeɛ a Yehowa de ama ne sɛ, ‘Obiara mfa deɛ ɔbɛtumi adie. Monhwɛ akra a wɔwɔ mo ntomadan mu na monhunu dodoɔ a mobɛfa, obiara omer+ baako.’” 17 Israelfoɔ no yɛɛ saa; ebinom faa pii na ebinom nso faa kakraa bi. 18 Sɛ wɔde omer susu a, deɛ ɔfaa pii no annya ammoro so, na deɛ ɔfaa kakraa bi no deɛ antɔ sini.+ Obiara faa deɛ ɔbɛtumi adie.
19 Afei Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Obiara nnnya bi mmma adeɛ nnkye so.”+ 20 Nanso wɔantie Mose. Ebinom gyaa bi maa adeɛ kyee so, na ɛdɔree mmoaa maa no bɔnee,+ enti Mose bo fuu wɔn.+ 21 Anɔpa+ biara obiara kɔfa deɛ ɔbɛtumi adie. Na sɛ awia ano yɛ den a, na anane.
22 Na da a ɛtɔ so nsia no wɔfaa aduane no mmɔho mmienu,+ obiara deɛ omer mmienu. Enti Israel mpanimfoɔ nyinaa bɛbɔɔ Mose amanneɛ. 23 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Deɛ Yehowa aka nie: Ɔkyena yɛ homeda, homeda kronkron ma Yehowa.+ Deɛ mobɛtõ no montõ, deɛ mobɛnoa nso monnoa.+ Na deɛ ɛbɛka no momfa nsie nkɔsi anɔpa.” 24 Enti wɔde sie kɔsii anɔpa, sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ wɔn no; na ammɔn na annɔre mmoaa nso.+ 25 Ɛnna Mose kaa sɛ: “Monni no nnɛ, ɛfiri sɛ ɛnnɛ yɛ homeda+ ma Yehowa. Ɛnnɛ deɛ, morennya bi wɔ serɛ no so. 26 Momfa no nnansia, na da a ɛtɔ so nson no deɛ, ebi rentɔ, ɛfiri sɛ ɛyɛ homeda.”+ 27 Na ɛbaa sɛ da a ɛtɔ so nson no ebinom kɔɔ sɛ wɔrekɔfa bi, nanso wɔannya bi.
28 Ɛnna Yehowa bisaa Mose sɛ: “Mobɛbu m’ahyɛdeɛ ne me mmara so akɔsi da bɛn?+ 29 Monhyɛ no nso sɛ Yehowa ama mo homeda.+ Ɛno nti na da a ɛtɔ so nsia no wama mo nnanu aduane no. Enti da a ɛtɔ so nson no, obiara ntena ne fie,+ obiara mmfiri adi.” 30 Enti ɔman no homee da a ɛtɔ so nson+ no.
31 Ná Israelfoɔ no frɛ aduane no “mana.” Ɛte sɛ aba fitaa bi, na ne dɛ te sɛ taterɛ a ɛwoɔ wɔ mu.+ 32 Afei Mose kaa sɛ: “Yehowa ahyɛ sɛ, ‘Monhyɛ omer mã na monkora so mo awoɔ ntoatoasoɔ+ nyinaa mu, na wɔahunu aduane a memaa modii no serɛ soɔ berɛ a meyii mo firii Egypt asase soɔ no.’”+ 33 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Fa kuruwa na hyɛ mana omer baako gu mu na fa si Yehowa anim, na monkora so mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.”+ 34 Sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no, Aaron de kɔsii Adanseɛ*+ no anim koraa so. 35 Enti Israelfoɔ no dii mana mfeɛ aduanan+ kɔsii sɛ wɔduruu asase a nnipa te soɔ so.+ Mana na wɔdi kɔsii sɛ wɔduruu Kanaan hyeɛ soɔ.+ 36 Na omer yɛ efa susudeɛ nkyɛmu du mu baako.