Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Exodus 20:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 na adwuma biara a wowɔ yɛ no, fa nnansia yɛ ne nyinaa.+

  • Exodus 31:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Me homeda no deɛ, monhwɛ sɛ mobɛdie,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛda me ne mo ntam, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Ɛno na ɛbɛma moahunu sɛ me Yehowa na mate mo ho.+

  • Deuteronomium 5:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 Na kae sɛ na woyɛ akoa Egypt asase so+ na Yehowa wo Nyankopɔn de nsa a ɛyɛ den ne basa a watene mu yii wo firii hɔ.+ Ɛno nti na Yehowa wo Nyankopɔn ahyɛ wo sɛ di homeda no.+

  • Yeremia 17:22
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 22 Mommfa adesoa biara mmfiri mo afie mu mmpue homeda, na monnyɛ adwuma biara nso.+ Monte homeda ho sɛdeɛ mehyɛɛ mo agyanom no;+

  • Mateo 12:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Ne nyinaa mu no, hwɛ sɛdeɛ onipa som bo pii sene odwan!+ Enti mmara ma ho kwan sɛ wɔyɛ adepa homeda.”

  • Luka 13:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 Nanso, Awurade buaa no sɛ: “Nyaatwomfoɔ,+ mo mu biara nsane ne nantwie anaa afunumu mfiri buo mu homeda nkɔma no nsuo nnom?+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane