Yeremia
17 “Yuda bɔne no, wɔde dadeɛ twerɛdua+ na atwerɛ ato hɔ. Wɔde dɛnkyɛmmoɔ ano akurukyire agu wɔn akoma pono+ so ne wɔn afɔrebukyia mmɛn ho;+ 2 mpo wɔn mma kae wɔn afɔrebukyia ne wɔn abosonnua wɔ dua kusuu ase ne nkokoɔ atenten nyinaa so,+ 3 ne mmepɔ so wɔ wuram. Mede w’ahodeɛ ne w’akoradeɛ nyinaa bɛma ama wɔafom.+ W’asase nyinaa so bɔne nti, mede wo sorɔnsorɔmmea bɛma ama wɔafom.+ 4 Wo ara woama w’agyapadeɛ a mede maa woɔ no afiri wo nsa.+ Me nso mɛma woasom w’atamfo,+ asase a wonnim soɔ so. M’abufuo nti,+ masɔ wo mu gya. Ɛbɛdɛre akɔsi daa.”
5 Deɛ Yehowa aka nie: “Nnome nka ɔbarima a ɔde ne ho to ɔdasani soɔ,+ deɛ ɔde ɔhonam ayɛ ne basa+ na n’akoma atwe afiri Yehowa ho.+ 6 Ɔbɛyɛ sɛ dua korɔ a ɛsi anwea pradaa soɔ, na berɛ pa ba a, ɔrenhunu;+ ɔbɛtena serɛ so asase wesee so ne nkyene asase a obi nte soɔ so.+ 7 Nhyira ne ɔbarima a ɔde ne ho to Yehowa soɔ na ɔde Yehowa yɛ n’anidasoɔ.+ 8 Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua no nsuo ho, a ne nhini tenetene kɔ asuo no nkyɛn. Sɛ ahuhuro ba a, ɔrenhunu, na n’ahahan bɛyɛ frɔmfrɔm.+ Afe a ɛpɛ+ bɛsie nso, ɔrensuro, na ɔrennyae abasoɔ.
9 “Akoma yɛ nkontomponi sene adeɛ nyinaa na ne ho yɛ ahomete.+ Hwan na ɔbɛtumi ahunu mu? 10 Me, Yehowa, me na mehwehwɛ akoma mu+ na mesɔ asaabo+ hwɛ, sɛ mɛma obiara sɛdeɛ n’akwan+ ne ne nneyɛɛ teɛ.+ 11 Deɛ ɔnya ne ho nanso ɔnnya no tenenee soɔ no,+ ɔte sɛ akokɔhwedeɛ a ɔboaboa nkosua a ɛnyɛ ɔno na ɔtoeɛ ano; ɔbɛbu ne nna mu fã na wagya biribiara,+ na awieeɛ no, ɔbɛyɛ kwasea.”+
12 Animuonyam ahennwa no,+ wɔama so firi mfitiaseɛ; ɛyɛ yɛn kronkronbea.+ 13 O Yehowa, Israel anidasoɔ,+ wɔn a wɔgya woɔ nyinaa ani bɛwu.+ Wɔn a wɔwae firi wo ho*+ no, asase so na wɔbɛtwerɛ wɔn din, ɛfiri sɛ wɔagya Yehowa a ɔyɛ nkwa nsutire no.+ 14 O Yehowa, sa me yareɛ na me ho ntɔ me.+ Gye me na mennya nkwa,+ na wone m’ayeyie.+
15 Hwɛ, ebinom ka kyerɛ me sɛ: “Ɛhe na Yehowa asɛm no wɔ?+ Ma no mmra mu ɛ.” 16 Nanso me deɛ, mempɛɛ ntɛm nnyaee sɛ mɛyɛ odwanhwɛfoɔ adi w’akyi, na menhwɛɛ mmusuo da no kwan. Wo ara wonim m’anom asɛm; ɛda w’anim. 17 Nyɛ obi a woma ehu ka me.+ Wone m’ahohia da mu dwankɔbea.+ 18 Ma m’ataafoɔ ani nwu,+ na me deɛ, mma m’ani nnwu.+ Wɔn na ma ehu nka wɔn, na me deɛ, mma ehu nnka me. Ma mmusuo da+ no mmra wɔn so, na fa ɔsɛeɛ mmɔho sɛe wɔn.+
19 Deɛ Yehowa aka akyerɛ me nie: “Kɔ, na kɔgyina ɔmanfoɔ ponkɛseɛ a Yuda ahemfo fa mu kɔ ba no mu ne Yerusalem kuro apono nyinaa mu.+ 20 Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Montie Yehowa asɛm, mo Yuda ahemfo nyinaa ne Yudafoɔ nyinaa ne Yerusalemfoɔ a mofa apono yi mu ba nyinaa.+ 21 Deɛ Yehowa aka nie: “Monhwɛ mo kra yie,+ na monnsoa adesoa biara mmfa Yerusalem kuro apono mu mmma mu homeda.+ 22 Mommfa adesoa biara mmfiri mo afie mu mmpue homeda, na monnyɛ adwuma biara nso.+ Monte homeda ho sɛdeɛ mehyɛɛ mo agyanom no;+ 23 nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase;+ wɔsenee wɔn kɔn+ sɛ wɔrentie na wɔrennye ntenesoɔ.”’+
24 “‘“Na ɛbɛba sɛ,” Yehowa asɛm nie, “sɛ mowɛn mo aso tie me+ na moansoa adesoa biara amfa kuro yi apono mu homeda,+ na mote homeda no ho, na moanyɛ adwuma biara+ a, 25 ɛnneɛ ahemfo ne mmapɔmma+ a wɔte Dawid ahennwa+ soɔ bɛtenatena nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so afa kuro yi apono mu, wɔne wɔn mmapɔmma, Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ; nnipa bɛtena kuro yi mu afebɔɔ. 26 Na nkurɔfoɔ bɛfiri Yuda nkuro ne Yerusalem ho ne Benyamin+ asase so ne mmepɔ ase+ ne mmepɔ so+ ne Negeb+ de ɔhyeɛ afɔdeɛ+ ne ayɛyɛdeɛ+ ne aduane afɔdeɛ+ ne ɛhyɛ+ ne aseda afɔdeɛ aba Yehowa fie.+
27 “‘“Na sɛ moantie me ante homeda no ho na mosoa nnesoa bɛfa Yerusalem kuro apono mu homeda a,+ ɛnneɛ me nso mede egya bɛto n’apono mu,+ na ɛbɛhye Yerusalem abantenten,+ na ɛrennum.”’”+