48 Na atamfo a Yehowa bɛsoma wɔn aba wo soɔ no, wode ɛkɔm+ ne sukɔm ne adagya ne ohia bɛsom wɔn,+ na ɔde dadeɛ kɔndua bɛto wo kɔn so akɔsi sɛ ɔbɛtɔre w’ase koraa.+
28 “Na sɛ wɔnya ɔhome ara pɛ a, wɔsan yɛ w’ani so bɔne,+ na wo nso wode wɔn hyɛ wɔn atamfo nsa ma wɔtiatia wɔn so.+ Na da biara a wɔbɛsan aba wo nkyɛn bio abɛhwehwɛ mmoa no,+ wofiri soro hɔ+ tie wɔn na wogye wɔn sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu bebrebe teɛ no.+
13 Mɛto mo afiri asase yi so akɔ asase a mo,+ anaa mo agyanom nnim soɔ so,+ na ɛhɔ na mobɛsom anyame+ foforɔ awia ne anadwo, ɛfiri sɛ merenhu mo mmɔbɔ.”’