Deuteronomium
28 “Sɛ woyɛ aso tie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm na wodi ne mmara nsɛm a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a,+ Yehowa wo Nyankopɔn nso bɛma wo so asene asase so aman nyinaa.+ 2 Woyɛ aso ma Yehowa wo Nyankopɔn asɛm a, nhyira yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+
3 “Nhyira bɛka wo wɔ kurom+ na nhyira aka wo wɔ afuo mu.+
4 “Nhyira bɛka wo yafunu mu aba+ ne w’asase so aba ne w’afieboa mma+ ne w’anantwie mma ne wo nnwan mma.+
5 “Nhyira bɛka wo kɛntɛn+ ne wo mmɔre koraa.+
6 “Nhyira bɛka wo, wo mmaeɛ mu na nhyira aka wo, wo nkorɔeɛ mu.+
7 “W’atamfo a wɔbɛsɔre aba wo soɔ no, Yehowa bɛma woadi wɔn so.+ Wɔbɛfa kwan baako so aba wo so na wɔafa akwan nson so adwane afiri w’anim.+ 8 Yehowa bɛhyira w’adekoradan+ ne biribiara a wobɛyɛ so,+ na ɔbɛhyira wo asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no so. 9 Yehowa de wo bɛyɛ ne man kronkron+ sɛdeɛ ɔkaa wo ntam no,+ ɛfiri sɛ wodi Yehowa wo Nyankopɔn mmara nsɛm so+ nante n’akwan so. 10 Na asase so aman nyinaa bɛhunu sɛ Yehowa din da wo so,+ na wɔbɛsuro wo.+
11 “Yehowa bɛhyira wo ama wo yafunu mu aba+ adɔɔso, na w’afieboa ase atrɛ na w’afuo mu nnɔbaeɛ+ abu so asase a Yehowa kaa w’agyanom ntam sɛ ɔde bɛma woɔ no so.+ 12 Yehowa bɛbue ɔsoro adekorabea pa ama wo na watɔ nsuo agu w’asase so wɔ ne berɛ mu,+ na ɔbɛhyira wo nsa ano adwuma nyinaa so.+ Na wobɛnya pii de afɛm aman bebree, na wo deɛ, worenkɔfɛm hwee.+ 13 Sɛ wodi Yehowa wo Nyankopɔn mmara nsɛm+ a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, Yehowa de wo bɛdi kan na ɛnyɛ akyire; wobɛda soro+ daa na woremma fam. 14 Enti mmane mfiri mmara a mede rema mo nnɛ yi ho nkɔ nifa anaa benkum+ nkɔdi anyame foforɔ akyi nkɔsom+ wɔn.
15 “Na sɛ woanyɛ aso antie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni n’ahyɛdeɛ ne ne mmara a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, ɛnneɛ nnome yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+
16 “Nnome bɛka wo wɔ kurom+ na nnome aka wo wɔ afuo mu.+
17 “Nnome bɛka wo kɛntɛn+ ne wo mmɔre koraa.+
18 “Nnome bɛka wo yafunu mu aba+ ne w’asase so nnɔbaeɛ+ ne w’anantwie mma ne wo nnwan mma.+
19 “Nnome bɛka wo, wo mmaeɛ mu na nnome aka wo, wo nkorɔeɛ mu.+
20 “Ɛsiane sɛ woayɛ Yehowa anim bɔne na woapo me nti,+ ɔde nnome+ ne ahoyera+ ne asotwe+ bɛba biribiara a wobɛyɛ biara so akɔsi sɛ ɔbɛsɛe woɔ ama w’ase atɔre prɛko pɛ. 21 Yehowa de yaredɔm bɛfam wo ho akɔsi sɛ ɛbɛtwa wo afiri asase a worekɔ soɔ no soɔ.+ 22 Yehowa de nsamanwa,+ atiridiinini, ahonhono, ahohyehyeɛ, nkrantɛ+ ne ɔhyew+ bɛba wo so na wama yareɛ asi w’afuo so+ akɔsi sɛ w’ase bɛhyeɛ. 23 Na wiem a ɛhata wo soɔ yi bɛdane kɔbere na asase a ɛwɔ w’aseɛ yi adane dadeɛ.+ 24 Yehowa bɛma wo mfuturo ne nsõ sɛ w’asase nsuo. Ɛbɛtɔ afiri soro agu wo so akɔsi sɛ ɔbɛtɔre w’aseɛ. 25 Yehowa bɛma woadi nkoguo w’atamfo anim.+ Wobɛfa kwan baako so akɔ wɔn so na woafa akwan nson so adwane afiri wɔn anim, na wo ho bɛyɛ asase so ahemman nyinaa hu.+ 26 Wo funu bɛyɛ aduane ama wiem nnomaa ne wuram mmoa nyinaa, na obiara renyi wɔn hu.+
27 “Yehowa bɛma Egypt mpɔmpɔ abobɔ wo+ na wama kooko ne ntwom ne gyatɔ ayɛ wo, na worentumi nsa. 28 Yehowa de adammɔ+ ne anifira+ ne ayamhyehyeɛ+ bɛto wo so. 29 Na wode wo tiri bɛpempem awia ketee sɛ nifirani a ɔde ne tiri pempem wɔ sum a ɔwɔ mu mu,+ na w’akwan rensi wo yie. Afoforɔ bɛsisi wo daa na wɔawia wo ho nneɛma, na obiara nni hɔ a ɔbɛgye woɔ.+ 30 Wobɛsi ɔbaa asiwa na ɔbarima foforɔ ato no mmonnaa.+ Wobɛsi fie nanso worentena mu.+ Wobɛyɛ bobeturo nanso worente so.+ 31 Wɔbɛku wo nantwie w’anim nanso ebi renka w’ano. Wode w’ani bɛhunu sɛ obi rewia w’afunumu, na wo nsa renka bio. Wɔde wo nnwan bɛma w’atamfo, na obiara nni hɔ a ɔbɛgye woɔ.+ 32 Wode w’ani bɛhunu sɛ wɔde wo mma mmarima ne wo mma mmaa ama ɔman foforɔ,+ na w’ani bɛgyina wɔn, nanso worennya tumi biara wɔ wo nsam.+ 33 Ɔman bi a wonnim wɔn bɛdi w’afuo mu nnɔbaeɛ ne wo nsa ano adwuma nyinaa,+ na wɔbɛsisi wo atan w’ani daa.+ 34 Na deɛ wode w’ani bɛhunu no bɛma woabɔ dam.+
35 “Yehowa bɛma mpɔmpɔ bɔne abobɔ wo nkotodwe ne wo nan mmienu no ho nyinaa, na obiara rentumi nsa wo yareɛ. Ɛbɛbobɔ wo nan ase akɔsi w’apampam.+ 36 Yehowa de wo+ ne ɔhene+ a wode no bɛdi wo soɔ no bɛkɔ ɔman bi so, baabi a wo ne w’agyanom biara nnim. Na ɛhɔ na wobɛsom anyame a wɔde dua ne aboɔ ayɛ.+ 37 Na Yehowa de wo kɔ aman no so a, wo ho bɛyɛ wɔn nwanwa,+ na wɔde wo bɛka asɛm+ asere adi wo ho fɛ wɔ hɔ nyinaa.
38 “Wode aba pii bɛhyɛ fam, nanso kakraa bi na wobɛtwa+ ɛfiri sɛ ntutummɛ bɛwe.+ 39 Wobɛyɛ bobeturo adɔ ho, nanso worennya nsã biara nnom na worentwa aba biara+ ɛfiri sɛ ɔsã bɛwe.+ 40 Wobɛhunu ngodua w’asase so baabiara, nanso worennya ngo nsra ɛfiri sɛ aba no bɛporo agu.+ 41 Wobɛwo mma mmarima ne mma mmaa nanso wɔrentena wo nkyɛn nkyɛ, ɛfiri sɛ wɔbɛkɔ akɔyɛ nkoa wɔ baabi.+ 42 Mmɛbɛ bɛfa wo nnua ne w’afuo mu nnɔbaeɛ nyinaa. 43 Ɔhɔhoɔ a wo ne no teɛ no bɛkɔ soro asene wo, na wo deɛ, daa wobɛsiane aba fam.+ 44 Ɔbɛnya pii de bi afɛm wo, na wo deɛ, worennya hwee mfa mfɛm no.+ Ɔbɛdi kan ama woadi akyire.+
45 “Na nnome+ yi nyinaa bɛtĩ wo abɛto wo akɔsi sɛ w’ase bɛhyeɛ,+ ɛfiri sɛ woantie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni n’ahyɛdeɛ ne ne mmara a ɔde ama woɔ yi so.+ 46 Na yeinom nyinaa bɛyɛ sɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ wɔ wo ne wo mma so daa,+ 47 ɛfiri sɛ woamfa ahosɛpɛ ne akomam anigyeɛ+ ansom Yehowa wo Nyankopɔn sɛ wama wo nneɛma pii ama no abu soɔ nti.+ 48 Na atamfo a Yehowa bɛsoma wɔn aba wo soɔ no, wode ɛkɔm+ ne sukɔm ne adagya ne ohia bɛsom wɔn,+ na ɔde dadeɛ kɔndua bɛto wo kɔn so akɔsi sɛ ɔbɛtɔre w’ase koraa.+
49 “Yehowa bɛma ɔman bi a wonte wɔn kasa+ afiri asase ano akyirikyiri+ ato ahyɛ wo so sɛ ɔkɔdeɛ.+ 50 Ɛbɛyɛ ɔman a wɔn ani yɛ den,+ na wɔrenhwɛ akɔkoraa anim na wɔrenhu aberanteɛ nso mmɔbɔ.+ 51 Wɔbɛwe w’afieboa mma na wɔadi w’asase so nnɔbaeɛ nyinaa akɔsi sɛ wɔbɛtɔre w’ase koraa.+ Na wɔrennya wo ayuo anaa nsã foforɔ anaa ngo anaa w’anantwie mma anaa wo nnwan mma kɔsi sɛ wɔbɛsɛe woɔ.+ 52 Na wɔbɛka wo ahyɛ wo nkuro mu akɔsi sɛ w’abantenten a wode wo ho ato soɔ no bɛbubu wɔ asase no nyinaa soɔ. Nokwasɛm nie, wɔbɛka wo ahyɛ wo nkuro mu wɔ asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no so baabiara.+ 53 Na wo tamfo bɛma wo ho akyere wo dendeenden ama worennya wo ho atwayɛ. Enti wobɛdi wo yafunu mu aba, wo mma mmarima ne wo mma mmaa+ a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no nam.
54 “Na onipa a ɔdwo paa na ɔbu ne ho mpo ani+ bɛbere ne nua ne ne yere a ɔdɔ no ne ne mma a wɔaka, 55 na sɛ ɔrewe ne ba nam a, ɔremma wɔn mu biara bi ɛfiri sɛ ɔnni biribiara wɔ ne ho. Yei nyinaa bɛkɔ so ɛfiri sɛ wo tamfo bɛka wo ahyɛ wo nkuro no mu, na wo ho bɛkyere wo ama worennya wo ho atwayɛ.+ 56 Na ɔbaa a ɔbu ne ho na ne tirim yɛ no dɛ a ahokyerɛ nti ɔmpɛ sɛ ne nan bɛka fam mpo+ ani bɛbere ne kunu a ɔdɔ no ne ne mma mmarima ne ne mma mmaa. 57 Ne kɔn bɛdɔ n’awodeɛ a afiri ne nan ntam aba ne ne mma a wawo wɔn no mpo,+ na ɔbɛhyɛ kokoam awe ɛfiri sɛ wo tamfo bɛka wo ahyɛ wo kurom ama wo ho akyere wo.+
58 “Sɛ woanni mmara a wɔatwerɛ no nwoma yi mu nyinaa so+ na woansuro Yehowa+ wo Nyankopɔn a ne din sõ+ na ɛyɛ hu+ no a, 59 Yehowa nso bɛma wo ne wo mma haw ne mo abɛbrɛsɛ mu ayɛ den na atena mo so akyɛ.+ Na ɔde yare bɔne a woko a ɛnkɔ bɛbɔ mo.+ 60 Ɔde Egypt nyarewa a na wosuro no nyinaa bɛbɔ wo, na ɛbɛka wo so.+ 61 Nyarewa ne amanehunu a wɔntwerɛɛ no mmara nwoma yi mu nyinaa nso, Yehowa de bɛba wo so akɔsi sɛ w’ase bɛhyeɛ. 62 Mo a anka modɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma no,+ afei deɛ, mobɛka kakraa bi,+ ɛfiri sɛ moantie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm.
63 “Afei sɛdeɛ Yehowa ani gyee sɛ ɔbɛyɛ mo papa na wama moadɔre no,+ saa ara na Yehowa ani bɛgye sɛ ɔbɛsɛe mo atɔre mo aseɛ.+ Na ɔbɛtwa mo afiri asase a morekɔ soɔ no so.+
64 “Yehowa bɛbɔ wo apete aman nyinaa so, ɛfiri asase ano kɔsi asase ano,+ na ɛhɔ na wobɛsom anyame a wo ne w’agyanom biara nnim wɔn, anyame a wɔde nnua ne aboɔ ayɛ.+ 65 Woduru aman yi so a, wo ho bɛdwan wo,+ na worennya baabi mfa wo nan nsi nhome, na Yehowa bɛma w’akoma atu,+ na w’ani asɛe+ na wo kra aboto. 66 Wɔde wo nkwa bɛgoro atɔprɛ, na anadwo oo, awia oo, ehu bɛka wo, na worenhunu sɛ adeɛ bɛkye wo anaa ɛrenkye wo.+ 67 Adeɛ kye anɔpa a, wobɛka sɛ, ‘Menyaeɛ a, anka ɛyɛ anwummerɛ!’ na ɛduru anwummerɛ nso a, wobɛka sɛ, ‘Menyaeɛ a, anka ɛyɛ anɔpa!’ ɛfiri sɛ deɛ w’ani bɛhunu no bɛma woabɔ hu na w’akoma atu.+ 68 Na Yehowa de hyɛn bɛfa wo afa kwan a meka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Worenhunu bio’+ no so de wo akɔ Egypt, na mobɛtɔn mo ho ama mo atamfo sɛ nkoa ne mfenaa,+ nanso obiara rentɔ mo.”