Leviticus 26:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Mobɛtĩ mo atamfo+ na wɔatotɔ nkrantɛ ano mo anim. Deuteronomium 32:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Ɔbaakofoɔ bɛyɛ dɛn atoa apem,Na ɛbɛyɛ dɛn na mmienu ama mpem du adwane?+Gye sɛ wɔn Botan no atɔn wɔn,+Na Yehowa ayi wɔn ama. Yosua 10:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Berɛ a wɔredwane afiri Israelfoɔ anim, na wɔresiane Bet-Horon no, Yehowa maa aboɔ akɛseɛ+ firii soro bɛkunkum wɔn kɔduruu Aseka. Wɔn a asukɔtweaa kunkum wɔn no dɔɔso sene wɔn a Israelfoɔ de nkrantɛ kunkum wɔn no. 2 Samuel 22:38 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 38 Mɛpamo m’atamfo akɔsi sɛ mɛsɛe wɔn;Merensan kɔsi sɛ mɛtɔre wɔn aseɛ.+ Dwom 89:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 N’anim na mebubuu n’atamfo pasapasa,+Na wɔn a wɔkyiri no kɔkɔkɔkɔ no, mebobɔɔ wɔn.+
30 Ɔbaakofoɔ bɛyɛ dɛn atoa apem,Na ɛbɛyɛ dɛn na mmienu ama mpem du adwane?+Gye sɛ wɔn Botan no atɔn wɔn,+Na Yehowa ayi wɔn ama.
11 Berɛ a wɔredwane afiri Israelfoɔ anim, na wɔresiane Bet-Horon no, Yehowa maa aboɔ akɛseɛ+ firii soro bɛkunkum wɔn kɔduruu Aseka. Wɔn a asukɔtweaa kunkum wɔn no dɔɔso sene wɔn a Israelfoɔ de nkrantɛ kunkum wɔn no.