Yosua
10 Afei berɛ a Yerusalem hene Adoni-Sedek tee sɛ Yosua ako afa Ai,+ na wasɛe+ Ai ne ne hene+ sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko+ ne ne hene,+ na Gibeonfoɔ ne Israel akɔyɛ asomdwoeɛ apam+ na wɔne wɔn teɛ no, 2 ehu kaa no paa+ ɛfiri sɛ na Gibeon yɛ kuro kɛseɛ te sɛ nhenkuro no bi. Bio nso na ɛsõ sene Ai+ koraa, na emu mmarima ho yɛ den. 3 Enti Yerusalem+ hene Adoni-Sedek soma kɔɔ Hebron+ hene Hoham ne Yamut hene+ Piram ne Lakis+ hene Yafia ne Eglon+ hene Debir nkyɛn sɛ, 4 “Mommɛboa me mma yɛnsɛe Gibeon ɛfiri sɛ wɔne Yosua ne Israelfoɔ akɔyɛ asomdwoeɛ apam.”+ 5 Enti Amorifoɔ+ ahemfo nnum no kaa wɔn ho boom, Yerusalem hene ne Hebron hene ne Yarmut hene ne Lakis hene ne Eglon hene ne wɔn dɔm nyinaa, na wɔboaa wɔn ano sɛ wɔbɛkɔ Gibeon so ne wɔn akɔko.
6 Ɛnna Gibeonfoɔ soma kɔka kyerɛɛ Yosua wɔ Gilgal+ sɛ: “Yɛ ntɛm bɛboa wo nkoa na gye yɛn. Mma wo nsa nnyɛ tia,+ ɛfiri sɛ Amorifoɔ ahemfo a wɔte mmepɔ soɔ no aboaboa wɔn ano ne yɛn rebɛko.” 7 Enti Yosua ne asraafoɔ ne nnɔmmarima+ a wɔka ne ho+ nyinaa firi Gilgal kɔeɛ.
8 Na Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Nsuro wɔn+ na mede wɔn ahyɛ wo nsa.+ Wɔn mu biara rentumi nnyina w’anim.”+ 9 Afei Yosua baa wɔn so mpofirem. Ɔde anadwo mũ no nyinaa na ɛfiri Gilgal baeɛ. 10 Yehowa maa wɔn ani tanee wɔ Israelfoɔ no anim,+ na wɔde nkrantɛ kunkum dɔm kɛseɛ wɔ Gibeon.+ Na wɔtĩĩ wɔn faa Bet-Horon aforoeɛ, na wɔkunkum wɔn bɛduruu Aseka+ ne Makeda.+ 11 Berɛ a wɔredwane afiri Israelfoɔ anim, na wɔresiane Bet-Horon no, Yehowa maa aboɔ akɛseɛ+ firii soro bɛkunkum wɔn kɔduruu Aseka. Wɔn a asukɔtweaa kunkum wɔn no dɔɔso sene wɔn a Israelfoɔ de nkrantɛ kunkum wɔn no.
12 Da a Yehowa de Amorifoɔ hyɛɛ Israelfoɔ nsa no, Yosua ne Yehowa kasaeɛ, na ɔkaa no Israelfoɔ nyinaa anim sɛ:
Bosome, gyina Ayalon+ bɔn mu.”
13 Enti awia gyinaeɛ, na bosome nso gyinaeɛ kɔsii sɛ ɔman no tuaa n’atamfo ka.+ Wɔntwerɛɛ yei ho asɛm wɔ Yasar+ nwoma mu anaa? Awia gyinaa wiem, na ampere ne ho ankɔtɔ bɛyɛ da mũ nyinaa.+ 14 Da yi nsɛsoɔ mmaa da—n’anim oo, n’akyi oo, ebi nsii da—sɛ Yehowa bɛyɛ aso ama onipa saa kwan yi soɔ.+ Saa da no, na Yehowa no ara reko ama Israel.+
15 Afei Yosua ne Israelfoɔ nyinaa san baa wɔn asoɛeɛ wɔ Gilgal.+
16 Saa berɛ yi na ahemfo nnum no adwane+ akɔhyɛ ɔbodan mu wɔ Makeda.+ 17 Ɛnna nkurɔfoɔ bɛka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Wɔahunu sɛ ahemfo nnum no adwane akɔhyɛ ɔbodan mu wɔ Makeda.”+ 18 Na Yosua kaa sɛ: “Mompia aboɔ akɛseɛ nkata ɔbodan no ano na momma mmarima nwɛn wɔn. 19 Na mo nso monnnyina faako. Montĩ mo atamfo no nkunkum wɔn.+ Mommma wɔnnkɔ wɔn kurom, na Yehowa mo Nyankopɔn de wɔn ahyɛ mo nsa.”+
20 Afei berɛ a Yosua ne Israelfoɔ no kunkum nkurɔfoɔ no maa wɔn nyinaa saeɛ,+ na wɔn a wɔnyaa wɔn tiri didii mu no dwane kɔɔ nkuro a wɔatoto ho afasuo+ mu no, 21 ɔman no nyinaa san baa Yosua nkyɛn asomdwoeɛ mu wɔ Makeda, wɔn asoɛeɛ hɔ. Na obiara antwe ne kɛtrɛma mpo antia Israelfoɔ no.+ 22 Afei Yosua kaa sɛ: “Mommue ɔbodan no ano na monyi ahemfo nnum a wɔhyɛ hɔ no mmrɛ me.” 23 Wɔyɛɛ deɛ ɔkaeɛ no, na wɔyii ahemfo nnum yi firii ɔbodan no mu brɛɛ no: Yerusalem hene,+ Hebron+ hene, Yamut hene, Lakis hene,+ ne Eglon hene.+ 24 Berɛ a wɔde ahemfo yi brɛɛ Yosua no, ɔfrɛɛ Israel mmarima nyinaa na ɔka kyerɛɛ asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔne no kɔeɛ no sɛ: “Mommra. Momfa mo nan nsisi ahemfo yi kɔn akyi.”+ Na wɔbaeɛ de wɔn nan bɛsisii wɔn kɔn akyi.+ 25 Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnsuro na mommmɔ hu.+ Momma mo bo nyɛ duru na mo ho nyɛ den, na sei na Yehowa bɛyɛ mo atamfo a mo ne wɔn redi ako nyinaa.”+
26 Afei Yosua kunkum wɔn, na ɔde wɔn sensɛn nnua nnum so kɔsii anwummerɛ.+ 27 Na berɛ a awia kɔtɔeɛ no, Yosua maa wɔyii wɔn firii nnua no so,+ na wɔkɔtoo wɔn guu ɔbodan a wɔkɔhyɛɛ mu no mu. Na wɔde aboɔ akɛseɛ guu ɔbodan no ano bɛsi nnɛ.
28 Saa da no, Yosua faa Makeda,+ na ɔtwee nkrantɛ too kuro no so, na ɔkum ɔhene no ne akra a wɔwɔ kuro no mu nyinaa.+ Wannya obiara wɔ hɔ. Na sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko hene no, saa ara na ɔyɛɛ Makeda hene+ nso.
29 Afei Yosua ne Israelfoɔ nyinaa firii Makeda kɔɔ Libna ne Libnafoɔ+ kɔkoeɛ. 30 Na Yehowa de kuro no ne ɛhɔ hene hyɛɛ Israel nsa, na wɔtwee nkrantɛ wɔ kuro no so kunkum akra a wɔwɔ hɔ nyinaa. Wɔannya obiara. Na sɛdeɛ wɔyɛɛ Yeriko hene no, saa ara na wɔyɛɛ kurom hɔ hene no nso.+
31 Ɛno akyi no, Yosua ne Israelfoɔ nyinaa firii Libna kɔɔ Lakis,+ na wɔboaa wɔn ho ano ne wɔn kɔkoeɛ. 32 Na Yehowa de Lakis hyɛɛ Israel nsa, na da a ɛtɔ so mmienu no, wɔfaa kuro no. Afei wɔtwee nkrantɛ wɔ kuro no so kunkum akra a wɔwɔ hɔ nyinaa,+ sɛdeɛ wɔyɛɛ Libna no.
33 Na Geser hene+ Horam hunuu saa no, ɔkɔɔ sɛ ɔrekɔboa Lakis. Enti Yosua kuu ɔne ne nkurɔfoɔ nyinaa, na wannya obiara.+
34 Ɛnna Yosua ne Israelfoɔ nyinaa firii Lakis kɔɔ Eglon,+ na wɔboaa wɔn ho ano ne wɔn kɔkoeɛ. 35 Na wɔfaa kuro no saa da no. Na wɔtwee nkrantɛ too so kunkum akra a wɔwɔ hɔ nyinaa saa da no, sɛdeɛ wɔyɛɛ Lakis no.+
36 Afei Yosua ne Israelfoɔ nyinaa firii Eglon kɔɔ Hebron+ ne wɔn kɔkoeɛ. 37 Na wɔfaa kuro no ne ne nkuraa nyinaa, na wɔtwee nkrantɛ wɔ so. Na wɔkum ɔhene no ne akra a wɔwɔ hɔ nyinaa. Wannya obiara, sɛdeɛ ɔyɛɛ Eglon no. Enti ɔsɛee kuro no ne akra a wɔwɔ hɔ nyinaa.+
38 Akyire yi Yosua ne Israelfoɔ nyinaa san baa Debir+ ne wɔn bɛkoeɛ. 39 Na ɔfaa kuro no ne ɛhɔ hene ne nkuraa a ɛwowɔ hɔ nyinaa. Na wɔtwee nkrantɛ wɔ so kunkum akra a wɔwɔ hɔ nyinaa.+ Wannya obiara.+ Na sɛdeɛ ɔyɛɛ Hebron ne Libna ne ne hene no, saa ara na ɔyɛɛ Debir ne ne hene.+
40 Enti Yosua sɛee nsase a ɛwɔ mmepɔ so+ ne Negeb+ ne Sefela+ ne nkokoɔ ase+ no nyinaa, na ɔkunkum wɔn ahemfo nyinaa. Wannya obiara. Ɔsɛee+ biribiara a ɛhome+ sɛdeɛ Israel Nyankopɔn Yehowa hyɛeɛ no.+ 41 Na Yosua de nkrantɛ faa asase no nyinaa so firii Kades-Barnea+ kɔsii Gasa,+ ne Gosen+ asase nyinaa de kɔpem Gibeon.+ 42 Yosua faa ahemfo yi nyinaa ne wɔn nsase prɛko,+ ɛfiri sɛ Israel Nyankopɔn Yehowa ko maa Israel.+ 43 Afei Yosua ne Israelfoɔ nyinaa san kɔɔ wɔn asoɛeɛ wɔ Gilgal.+