Yosua
9 Afei berɛ a ahemfo+ a wɔwɔ Yordan agya wɔ bepɔ so ne Sefela ne Po Kɛseɛ+ no ano wɔ Lebanon+ anim, Hitifoɔ,+ Amorifoɔ, Kanaanfoɔ,+ Perisifoɔ,+ Hiwifoɔ ne Yebusifoɔ+ tee deɛ asie no, 2 wɔka boom yɛɛ nokorɔ sɛ wɔne Yosua ne Israelfoɔ no rebɛko.+
3 Na Gibeonfoɔ+ nso tee deɛ Yosua de yɛɛ Yeriko+ ne Ai+ no. 4 Wɔn deɛ, wɔyɛɛ wɔn adeɛ nyansam.+ Wɔfaa akwansoduane ne nkotokuo dada ne nsã kotokuo a ateteɛ a wɔapempam+ guu wɔn mfunumu so. 5 Afei wɔhyehyɛɛ mpaboa a ahi a wɔapempam ne ntadeɛ agoago, na paanoo a wɔfaeɛ nyinaa akyenkyene na ɛfurofuro. 6 Na wɔkɔɔ Yosua nkyɛn asoɛeɛ hɔ wɔ Gilgal,+ na wɔka kyerɛɛ ɔne Israel mmarima no sɛ: “Yɛfiri akyirikyiri na yɛaba. Yɛsrɛ mo, mo ne yɛn nyɛ apam.”+ 7 Ɛnna Israel mmarima no ka kyerɛɛ Hiwifoɔ+ no sɛ: “Ebia yɛn mpɔtamu ha yi ara na moteɛ. Enti ɛbɛyɛ dɛn na yɛne mo ayɛ apam?”+ 8 Na wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Yɛyɛ wo nkoa.”+
Ɛnna Yosua bisaa wɔn sɛ: “Moyɛ nnipa bɛn, na mofiri he?” 9 Afei wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo nkoa firi akyirikyiri paa+ na yɛaba, Yehowa mo Nyankopɔn din+ nti; yɛate ne nka ne deɛ ɔyɛɛ no Egypt nyinaa,+ 10 ne deɛ ɔde yɛɛ Amorifoɔ ahemfo a na wɔtete Yordan agya nohoa no, Hesbon hene Sihon+ ne Basan hene Og+ a na ɔte Astarot+ no. 11 Enti yɛn mpanimfoɔ ne ɔmanfoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ yɛn sɛ,+ ‘Momfa akwansoduane na monkɔhyia wɔn nka nkyerɛ wɔn sɛ: “Yɛyɛ mo nkoa.+ Enti mo ne yɛn nyɛ apam.’”+ 12 Monhwɛ yɛn paanoo yi; da a yɛresim aba mo nkyɛn a yɛfa firii yɛn afie sɛ akwansoduane no, na ɛyɛ hye, nanso seesei akyenkyene na ɛfurofuro.+ 13 Na nsã kotokuo yi nso, na ɛyɛ foforɔ koraa, nanso monhwɛ sɛ ateteɛ.+ Na kwan no tenten nti, yɛn ntadeɛ ne yɛn mpaboa nso atete.”
14 Afei Israel mmarima no faa akwansoduane no bi hwɛeɛ, na wɔammisa Yehowa anom asɛm.+ 15 Yosua ne wɔn dii no asomdwoeɛ so+ na ɔne wɔn yɛɛ apam sɛdeɛ wɔbɛnya wɔn tiri adidi mu. Enti asafo no mu mpanimfoɔ+ no kaa wɔn ntam.+
16 Wɔne wɔn yɛɛ apam no wieeɛ no, nnansa akyi na wɔtee sɛ nkurɔfoɔ no te bɛn wɔn na wɔwɔ wɔn mpɔtamu hɔ ara. 17 Afei Israelfoɔ no tuiɛ, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔkɔduruu wɔn nkuro mu. Nkuro no ne Gibeon+ ne Kefira+ ne Beerot+ ne Kiriat-Yearim.+ 18 Na Israelfoɔ no amfa wɔn nsa anka wɔn, ɛfiri sɛ na asafo no mu mpanimfoɔ de Israel Nyankopɔn Yehowa din+ aka wɔn ntam.+ Afei asafo no nyinaa firii aseɛ nwiinwii tiaa mpanimfoɔ no.+ 19 Na mpanimfoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ asafo no sɛ: “Yɛde Israel Nyankopɔn Yehowa din aka wɔn ntam, enti yɛrentumi mfa yɛn nsa nka wɔn.+ 20 Yei na yɛbɛyɛ wɔn na wɔanya wɔn tiri adidi mu na ntam a yɛaka wɔn no ho nnome biara amma yɛn so.”+ 21 Enti mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnyaa wɔn mma wɔntena ase na wɔnkɔ anyina ne nsuo mma asafo no+ nyinaa, sɛdeɛ mpanimfoɔ ahyɛ wɔn bɔ no.”+
22 Afei Yosua frɛɛ wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na modaadaa yɛn kaa sɛ, ‘Yɛne mo ntam kwan ware yie,’+ berɛ a mote yɛn mpɔtamu ha yi ara?+ 23 Ɛnnɛ wɔadome mo,+ na mo nkwa nna nyinaa mobɛyɛ nkoa+ me Nyankopɔn fie, na morennyae anyina ne asukorɔ da.”+ 24 Ɛnna wɔbuaa Yosua sɛ: “Asɛm no ne sɛ wo nkoa tee sɛ Yehowa wo Nyankopɔn aka akyerɛ n’akoa Mose sɛ ɔmfa asase yi nyinaa mma mo na monsɛe asase no sofoɔ nyinaa mfiri mo anim,+ na mo nti, na yɛsuro paa ma yɛn kra.+ Ɛno nti na yɛyɛɛ saa no.+ 25 Afei yɛnie, yɛwɔ mo nsam. Deɛ ɛyɛ na ɛtene mo ani soɔ biara momfa nyɛ yɛn.”+ 26 Na ɔyɛɛ wɔn saa gyee wɔn firii Israelfoɔ no nsam, na wɔanku wɔn.+ 27 Enti da no Yosua yɛɛ wɔn+ anyina ne nsuo kɔfoɔ maa asafo+ no ne Yehowa afɔrebukyia no, baabi a ɔbɛkyerɛ biara,+ de bɛsi nnɛ.