24 Ɛnna wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Asɛm no ne sɛ, wo nkoa tee no pefee sɛ Yehowa wo Nyankopɔn ka kyerɛɛ n’akoa Mose sɛ ɔmfa asaase yi nyinaa mma mo na monsɛe asaase no sofoɔ nyinaa mfiri mo anim.+ Mo nti, na yɛsuro sɛ yɛn nkwa bɛfiri yɛn nsa.+ Ɛno nti na yɛyɛɛ saa no.+