Yosua
9 Berɛ a ahemfo a wɔwɔ Yordan atɔeɛ fam+ no nyinaa tee deɛ asi no, wɔn a wɔwɔ bepɔ so, ne Sefela, ne Ɛpo Kɛseɛ* no ano nyinaa+ ne Lebanon anim—Hitifoɔ, Amorifoɔ, Kaananfoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ ne Yebusifoɔ+— 2 kaa wɔn ho boom sɛ wɔne Yosua ne Israelfoɔ no rebɛko.+
3 Gibeonfoɔ+ nso tee deɛ Yosua de yɛɛ Yeriko+ ne Ai+ no. 4 Enti wɔyɛɛ wɔn adeɛ nyansam. Wɔfaa aduane a wɔbɛdi no kwan so guu nkotokuo dada mu, na wɔde nsã nkotokuo dada a apaapae a wɔapempam kaa ho de soasoaa wɔn mfunumu. 5 Afei nso, wɔhyehyɛɛ mpaboa dada a wɔapempam ne ntaadeɛ a ago. Paanoo a wɔfaeɛ nyinaa nso, na akyenkyene, na na ɛfurofuro. 6 Na wɔkɔɔ Yosua nkyɛn wɔ asoɛeɛ hɔ wɔ Gilgal,+ na wɔka kyerɛɛ ɔne Israel mmarima no sɛ: “Yɛfiri akyirikyiri na yɛaba. Yɛsrɛ mo, mo ne yɛn nyɛ apam.” 7 Ɛnna Israel mmarima no ka kyerɛɛ Hiwifoɔ*+ no sɛ: “Ebia yɛn nkyɛn ha yi ara na moteɛ. Enti ɛbɛyɛ dɛn na yɛne mo ayɛ apam?”+ 8 Na wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Yɛyɛ wo nkoa.”
Ɛnna Yosua bisaa wɔn sɛ: “Moyɛ hwannom, na mofiri he?” 9 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa wo Nyankopɔn din nti na wo nkoa firi akyirikyiri asaase bi so+ aba, ɛfiri sɛ yɛate ne nka ne deɛ ɔyɛɛ wɔ Egypt nyinaa,+ 10 ne deɛ ɔde yɛɛ Amorifoɔ ahemfo mmienu a na wɔte Yordan agya* no nyinaa, Hesbon hene Sihon+ ne Basan hene Og+ a na ɔte Astarot no. 11 Enti yɛn mpanimfoɔ ne yɛn asaase no sofoɔ nyinaa ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Momfa aduane a mobɛdi no kwan so nka mo ho ntu kwan nkɔhyia wɔn. Monka nkyerɛ wɔn sɛ: “Yɛbɛyɛ mo nkoa.+ Enti mo ne yɛn nyɛ apam.”’+ 12 Paanoo yi, ɛda a yɛrefiri yɛn afie aba mo nkyɛn no, yɛfaa sɛ yɛbɛdi no kwan so. Ná ɛyɛ hye, nanso monhwɛ, seesei akyenkyene na ɛfurofuro.+ 13 Nsã nkotokuo yi nso, berɛ a yɛhyehyɛɛ no amaama no, na ɛyɛ foforɔ koraa, nanso seesei apaapae.+ Yɛn ntaadeɛ ne yɛn mpaboa nso, ɛkwan no tenten nti, atete.”
14 Ɛnna Israel mmarima no faa wɔn aduane no bi hwɛeɛ, nanso wɔammisa Yehowa anom asɛm.+ 15 Na Yosua ne wɔn dii no asomdwoeɛ so,+ na ɔne wɔn yɛɛ apam sɛ wɔrenku wɔn. Asafo no mu mpanimfoɔ nso kaa wɔn ntam sii asɛm no so.+
16 Berɛ a wɔne wɔn yɛɛ apam no wieeɛ no, nnansa akyi na wɔtee sɛ, sɛɛ na nkurɔfoɔ no te bɛn wɔn; wɔte wɔn nkyɛn pɛɛ. 17 Afei Israelfoɔ no sii kwan so, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔkɔduruu nkurɔfoɔ no nkuro mu. Ná wɔn nkuro no ne Gibeon+ ne Kefira ne Beerot ne Kiriat-Yearim.+ 18 Nanso Israelfoɔ no amfa wɔn nsa anka wɔn, ɛfiri sɛ na asafo no mu mpanimfoɔ de Israel Nyankopɔn Yehowa din aka wɔn ntam.+ Enti asafo no nyinaa firii aseɛ nwiinwii tiaa mpanimfoɔ no. 19 Na mpanimfoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ asafo no nyinaa sɛ: “Yɛde Israel Nyankopɔn Yehowa din aka wɔn ntam, enti yɛrentumi mfa yɛn nsa nka wɔn. 20 Deɛ yɛbɛyɛ nie: Yɛrenku wɔn, na ntam a yɛaka wɔn no nti, Onyankopɔn abufuo amma yɛn so.”+ 21 Mpanimfoɔ no san kaa sɛ: “Monnyaa wɔn mma wɔntena ase, nanso wɔbɛkɔ anyina* ne nsuo ama asafo no nyinaa.” Saa na mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn.
22 Afei Yosua frɛɛ wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛn nti na modaadaa yɛn kaa sɛ, ‘Yɛfiri akyirikyiri baabi,’ berɛ a mote yɛn nkyɛn ha yi ara?+ 23 Ɛfiri nnɛ rekɔ, wɔadome mo.+ Mo nkwa nna nyinaa mobɛyɛ nkoa, na mobɛkɔ anyina ne nsuo daa wɔ me Nyankopɔn fie.” 24 Ɛnna wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Asɛm no ne sɛ, wo nkoa tee no pefee sɛ Yehowa wo Nyankopɔn ka kyerɛɛ n’akoa Mose sɛ ɔmfa asaase yi nyinaa mma mo na monsɛe asaase no sofoɔ nyinaa mfiri mo anim.+ Mo nti, na yɛsuro sɛ yɛn nkwa* bɛfiri yɛn nsa.+ Ɛno nti na yɛyɛɛ saa no.+ 25 Seesei yɛwɔ mo nsam. Deɛ ɛyɛ na ɛtene wɔ mo ani so biara momfa nyɛ yɛn.” 26 Na ɔyɛɛ wɔn saa; ɔgyee wɔn firii Israelfoɔ no nsam, na wɔanku wɔn. 27 Nanso ɛda no, Yosua yɛɛ wɔn nnipa a wɔbɛkɔ anyina ne nsuo ama asafo no+ ne Yehowa afɔrebukyia wɔ baabi a Onyankopɔn bɛyi biara.+ Wɔyɛɛ saa de bɛsi nnɛ.+