Yosua
8 Na Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Nsuro, na mmɔ hu.+ Fa asraafoɔ no nyinaa ka wo ho na momforo nkɔ Ai so. Hwɛ, mede Ai hene ne ne man ne ne kuro ne n’asaase ahyɛ wo nsa.+ 2 Yɛ Ai ne ne hene sɛdeɛ woyɛɛ Yeriko ne ne hene no.+ Nanso kuro yi mu nneɛma ne emu nyɛmmoa deɛ, mobɛtumi afa. Ma nnipa bi nkɔtetɛ kuro no akyi.”
3 Enti Yosua ne asraafoɔ no nyinaa foro kɔɔ Ai so. Yosua yii mmarima a wɔnim ko yie 30,000, na ɔgyaa wɔn kwan anadwo. 4 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hwɛ, monkɔtetɛ kuro no akyi. Monhwɛ na mo ne kuro no ntam antwe pii, na obiara nyɛ krado. 5 Me nso, me ne nnipa a wɔka me ho no nyinaa bɛtwe abɛn kuro no. Na sɛ wɔpue ba yɛn so sɛdeɛ wɔyɛɛ kane no a,+ yɛbɛdwane afiri wɔn anim. 6 Sɛ wɔpue bɛdi yɛn akyi a, yɛbɛma wɔadi yɛn akyi akɔsi sɛ yɛbɛtwe wɔn afiri kuro no ho, ɛfiri sɛ wɔbɛka sɛ, ‘Wɔredwane sɛdeɛ wɔyɛɛ kane no.’+ Na yɛbɛdwane afiri wɔn anim. 7 Ɛba saa a, momfiri baabi a mokɔtetɛeɛ no nkɔfa kuro no; Yehowa mo Nyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa. 8 Sɛ mofa kuro no pɛ, momfa egya ntom.+ Monyɛ no sɛdeɛ Yehowa aka no. Wei ne akwankyerɛ a mepɛ sɛ modi so.”
9 Ɛnna Yosua gyaa wɔn kwan, na wɔnante kɔɔ beaeɛ a wɔrekɔtetɛ no. Wɔtenaa Betel ne Ai ntam wɔ Ai atɔeɛ fam, na Yosua daa nnipa a aka no nkyɛn anadwo no.
10 Na Yosua sɔree anɔpatutuutu boaboaa asraafoɔ no ano, na ɔne Israel mpanimfoɔ dii wɔn anim kɔɔ Ai. 11 Asraafoɔ a wɔka ne ho nyinaa+ foro kɔe, na wɔkɔe ara kɔduruu kuro no anim. Wɔsoɛɛ Ai atifi fam, na na ɛbɔn da wɔne Ai ntam. 12 Saa berɛ yi nyinaa, na wayi mmarima bɛyɛ 5,000 sɛ wɔnkɔtetɛ+ Betel+ ne Ai ntam, wɔ kuro no atɔeɛ fam. 13 Enti asraafoɔ no mu fã kɛseɛ kɔsoɛɛ kuro no atifi fam,+ na asraafoɔ a wɔbɔ kyidɔm* no kɔtetɛɛ atɔeɛ fam,+ na Yosua kɔɔ ɛbɔn no mu* anadwo no.
14 Berɛ a Ai hene huu saa pɛ, ɔne kuro no mu mmarima sɔree anɔpatutuutu, na wɔyɛɛ ntɛm sɛ wɔne Israelfoɔ no rekɔko wɔ baabi a ɛne asaase pradadaa no di nhwɛanimu no. Nanso na ɔnnim sɛ ebinom akɔtetɛ no wɔ kuro no akyi. 15 Berɛ a Ai mmarima baa wɔn so no, Yosua ne Israelfoɔ no nyinaa dwane faa kwan a ɛkɔ serɛ so no so.+ 16 Ɛnna Ai mmarima frɛfrɛɛ nnipa a wɔwɔ kuro no mu nyinaa maa wɔkɔtaa wɔn so. Berɛ a wɔretaa Yosua so nyinaa, na wɔretwe wɔn firi kuro no ho. 17 Ɔbarima biara anka Ai ne Betel a wankɔdi Israelfoɔ no akyi. Wɔgyaa kuro no ano too hɔ kakraa, na wɔkɔtaa Israelfoɔ no so.
18 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Fa pea a wokura no kyerɛ Ai so,+ na mede bɛhyɛ wo nsa.”+ Enti Yosua de pea a ɔkura no kyerɛɛ kuro no so. 19 Berɛ a ɔtenee ne nsa ara pɛ na wɔn a wɔakɔtetɛ no firii baabi a wɔhyɛ no de mmirika bɔ wuraa kuro no mu kɔdii so nkonim. Ntɛm ara na wɔde egya too kuro no mu.+
20 Berɛ a Ai mmarima no danee wɔn ho no, wɔhunuu sɛ wisie firi kuro no mu reforo kɔ soro, na na wɔntumi nnwane nkɔ benkum anaa nifa. Afei wɔn a wɔredwane kɔ serɛ so no dane baa wɔn a wɔretaa wɔn so no so. 21 Berɛ a Yosua ne Israelfoɔ no nyinaa huu sɛ wɔn a wɔkɔtetɛeɛ no akɔfa kuro no, na wɔhuu sɛ kuro no mu wisie reforo kɔ soro no, wɔsan wɔn akyi bɛto hyɛɛ Ai mmarima no so. 22 Na wɔn a wɔwɔ kuro no mu no nso bɛhyiaa wɔn. Enti na Ai mmarima no aka mfimfini; Israelfoɔ binom wɔ wɔn anim, ɛnna ebinom nso wɔ wɔn akyi. Afei wɔkunkum wɔn nyinaa. Onipa baako mpo anka, na obiara nso antumi annwane.+ 23 Na Ai hene deɛ,+ wɔanku no, mmom, wɔkyee no de no baa Yosua anim.
24 Enti Israelfoɔ kunkum Aifoɔ a wɔdii wɔn akyi kɔɔ serɛ so no nyinaa wɔ serɛ no so hɔ. Wɔde sekan kunkum wɔn maa wɔsae. Wɔwieeɛ no, Israelfoɔ nyinaa san kɔɔ Ai kuro no mu de sekan kɔkunkum wɔn. 25 Saa da no, mmarima ne mmaa a wɔwuwuiɛ nyinaa yɛ 12,000, Aifoɔ nyinaa. 26 Yosua amfa ne nsa a na ɛkura pea no mu no anto hɔ+ kɔsii sɛ ɔsɛee Aifoɔ nyinaa pasaa.+ 27 Nanso kuro no mu nyɛmmoa ne emu nneɛma deɛ, Israelfoɔ no fae, sɛdeɛ ahyɛdeɛ a Yehowa de maa Yosua no teɛ no.+
28 Na Yosua hyee Ai, na ɛdanee aboɔ sum hɔ;+ ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ. 29 Na ɔde Ai hene no sɛn dua so kɔsii anwummerɛ, na berɛ a awia rekɔtɔ no, Yosua kaa sɛ wɔnyi ne funu mfiri dua no so.+ Wɔde kɔtoo kuro no pono ano, na wɔsoaa aboɔ pii guu ne so maa ɛyɛɛ esie kɛseɛ, na ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ.
30 Saa berɛ no, Yosua sii afɔrebukyia wɔ Ebal Bepɔ so+ maa Israel Nyankopɔn Yehowa 31 sɛdeɛ Yehowa akoa Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no. Wɔatwerɛ ho asɛm wɔ Mose Mmara nwoma no+ mu sɛ: “Momfa aboɔ muamua a wɔmfaa dadeɛ nkaeɛ nsi afɔrebukyia no.”+ Na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ wɔ so maa Yehowa.+
32 Afei Mmara a Mose twerɛɛ no wɔ Israelfoɔ anim no,+ Yosua hwɛɛ so twerɛɛ bi guu aboɔ no so.+ 33 Na Israelfoɔ nyinaa, wɔn mpanimfoɔ, wɔn atitire, ne wɔn atemmufoɔ bɛgyinagyinaa Lewifoɔ asɔfoɔ a wɔso Yehowa apam adaka no anim wɔ Adaka no benkum ne ne nifa so. Ahɔhoɔ ne kuromafoɔ nyinaa bɛgyinagyinaa hɔ bi.+ Nnipa no fã gyinaa Gerisim Bepɔ anim, ɛnna fã nso gyinaa Ebal Bepɔ+ anim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhyira Israelfoɔ (sɛdeɛ na Yehowa akoa Mose ahyɛ dada no).+ 34 Ɛno akyi no, ɔkenkan Mmara no mu nsɛm nyinaa den,+ nhyira+ ne nnome,+ sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mmara nwoma no mu no. 35 Deɛ Mose kaeɛ nyinaa, Yosua gyinaa Israel asafo no ne mmaa ne mmɔfra ne ahɔhoɔ a wɔwɔ wɔn mu* no nyinaa anim kenkan no den; wannya asɛm baako mpo.+