Yosua
7 Nanso Israelfoɔ no anni nokorɛ wɔ nneɛma a wɔkaa sɛ wɔnsɛe no no ho, ɛfiri sɛ Sera ba Sabdi ba Karmi ba Akan+ a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no faa nneɛma a wɔkaa sɛ wɔnsɛe no no bi.+ Enti Yehowa bo fuu Israelfoɔ no dendeenden.+
2 Na Yosua somaa mmarima firii Yeriko sɛ wɔnkɔ Ai+ a ɛbɛn Bet-Awen wɔ Betel+ apueeɛ fam, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monwia mo ho mforo nkɔhwɛ sɛdeɛ asaase no teɛ.” Enti mmarima no wiaa wɔn ho foro kɔhwɛɛ sɛdeɛ Ai teɛ. 3 Berɛ a wɔsan baa Yosua nkyɛn no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnhia sɛ ɔman no nyinaa foro kɔ hɔ. Mmarima bɛyɛ 2,000 anaa 3,000 bɛtumi adi Ai so nkonim. Nha ɔman no nyinaa sɛ wɔnkɔ hɔ, ɛfiri sɛ nkurɔfoɔ a wɔwɔ hɔ no nnɔɔso.”
4 Enti mmarima bɛyɛ 3,000 foro kɔɔ hɔ, nanso wɔdwane firii Ai mmarima no anim.+ 5 Ai mmarima no kunkum wɔn mu 36, na wɔtaa wɔn firii kuro no pono ano kɔsii Sebarim,* na berɛ a wɔresiane nyinaa, na wɔrekunkum wɔn. Wei maa nnipa no bɔɔ hu yie.*
6 Ɛnna Yosua suan n’ataadeɛ mu, na ɔde n’anim butuu fam wɔ Yehowa Adaka no anim kɔsii anwummerɛ, ɔne Israel mpanimfoɔ no, na wɔde dɔteɛ guu wɔn tirim mprɛ pii. 7 Afei Yosua kaa sɛ: “Ao Awurade Tumfoɔ Yehowa, adɛn nti na wode ɔman yi atwa Yordan aba ha sɛ wode yɛn rebɛhyɛ Amorifoɔ nsa ama wɔasɛe yɛn? Yɛnim a, anka yɛtenaa yɛn baabi wɔ Yordan agya hɔ!* 8 Yehowa, mepa wo kyɛw o, Israel na adwane afiri n’atamfo anim* yi. Seesei deɛn bio na menka? 9 Sɛ Kaananfoɔ ne asaase no so nnipa nyinaa te a, wɔbɛba abɛtwa yɛn ho ahyia, na wɔapepa yɛn din afiri asaase so koraa. Deɛn na wobɛyɛ wɔ wo din kɛseɛ no ho?”+
10 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Sɔre! Adɛn nti na wode w’anim abutu fam? 11 Israel ayɛ bɔne. Apam a me ne wɔn yɛeɛ a meka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnni so no, wɔabu so.+ Nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no, wɔafa bi;+ wɔawia,+ na wɔayɛ kodɛɛ de akɔka wɔn nneɛma ho.+ 12 Enti Israelfoɔ rentumi nnyina wɔn atamfo anim. Wɔabɛyɛ biribi a ɛfata sɛ wɔsɛe wɔn. Ɛno nti, wɔbɛdane wɔn akyi akyerɛ wɔn atamfo na wɔadwane afiri wɔn anim. Merenni mo akyi bio, gye sɛ mosɛe adeɛ a ɛsɛ sɛ mosɛe no no firi mo mu.+ 13 Sɔre na te ɔman no ho!+ Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Monte mo ho mma ɔkyena, na deɛ Israel Nyankopɔn Yehowa aka nie: “O Israel, biribi wɔ mo mu a ɛsɛ sɛ mosɛe no. Sɛ moanyi adeɛ a ɛsɛ sɛ mosɛe no no amfiri mo mu a, morentumi nnyina mo atamfo anim. 14 Ɔkyena anɔpa, mmusuakuo no mmra mmaako mmaako. Abusuakuo a Yehowa bɛyi no,+ wɔbɛgyinagyina mmusua mmusua. Afei abusua a Yehowa bɛyi no, wɔbɛgyinagyina afie afie. Efie a Yehowa bɛyi no, emu mmarima nso bɛba mmaako mmaako. 15 Na deɛ wɔbɛkye no sɛ adeɛ a ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no wɔ ne nkyɛn no, wɔmfa egya nhye no,+ ɔno ne deɛ ɔwɔ nyinaa, ɛfiri sɛ wabu Yehowa apam so,+ na wayɛ aniwudeɛ wɔ Israel.”’”
16 Adeɛ kyeeɛ no, Yosua sɔree anɔpatutuutu frɛɛ Israel mmusuakuo no baa mmaako mmaako, na wɔyii Yuda abusuakuo no. 17 Afei ɔmaa Yuda mmusua no baa mmaako mmaako, na wɔyii Sera abusua no.+ Na ɔmaa Sera abusua no mu mmarima baa mmaako mmaako, na wɔyii Sabdi. 18 Awieeɛ koraa no, ɔmaa Sabdi fie mmarima baa mmaako mmaako, na wɔyii Sera ba Sabdi ba Karmi ba Akan a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no.+ 19 Afei Yosua ka kyerɛɛ Akan sɛ: “Me ba, mesrɛ wo, hyɛ Israel Nyankopɔn Yehowa animuonyam na ka wo bɔne kyerɛ no. Mesrɛ wo, ka deɛ woayɛ kyerɛ me. Mfa nsie me.”
20 Ɛnna Akan ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Nokwasɛm nie, me na mayɛ bɔne atia Israel Nyankopɔn Yehowa, na deɛ meyɛeɛ nie: 21 Mehunuu ataadeɛ fɛfɛɛfɛ bi a ɛfiri Sinar+ ne dwetɛ nnwetɛbena* 200 ne sika kɔkɔɔ a emu duro yɛ nnwetɛbena 50 wɔ nneɛma no mu, na na m’ani gye ho, enti mefae. Mede asie fam wɔ me ntomadan mu, na sika no hyɛ aseɛ.”
22 Ntɛm ara na Yosua somaa nnipa, na wɔde mmirika kɔɔ ntomadan no mu. Ampa ara, na ɔde ataadeɛ no asie ne ntomadan mu, na na sika no hyɛ aseɛ. 23 Enti wɔyiyii nneɛma no firii ntomadan no mu de brɛɛ Yosua ne Israelfoɔ no nyinaa, na wɔde guu Yehowa anim. 24 Afei Yosua ne Israelfoɔ nyinaa de Sera ba Akan+ ne dwetɛ ne ataadeɛ ne sika kɔkɔɔ+ no ne ne mma mmarima ne ne mma mmaa ne n’anantwie ne ne mfunumu ne ne nnwan ne ne ntomadan ne biribiara a ɔwɔ kɔɔ Akor Bɔn mu.*+ 25 Ɛnna Yosua kaa sɛ: “Adɛn nti na wode mmusuo* aba yɛn so yi?+ Yehowa de mmusuo bɛba wo so nnɛ.” Ɔkaa saa no, Israelfoɔ nyinaa sii no aboɔ,+ na wɔwieeɛ no, wɔde egya hyee wɔn.+ Enti wɔsii wɔn nyinaa aboɔ. 26 Na wɔsoaa aboɔ guu ne so maa ɛyɛɛ esie kɛseɛ, na ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ. Afei Yehowa bo dwoe.+ Ɛno nti na wɔtoo hɔ din Akor* Bɔn, na wɔfrɛ hɔ saa de bɛsi nnɛ.